Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 21

Yesu Yerusalem Ɔhempɔn

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛn kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafo no mu baanu se, wonni kan nkɔ. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "mudu a, mubehu wɔasa afurum bi ne ne ba hama. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka nkyerɛ onipa ko no se, Wɔn ho hia Awurade,na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba."

4 Wɔyɛɛ eyi de hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka se,

5 "Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se

wo hene reba wo nkyɛn.

Odwo, na ɔte afurum ne

afurum ba so" no mu den.

6 Asuafo baanu no yɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. 7 Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntama sesɛw afurum no so, maa Yesu tenaa no so. 8 Nnipadɔm a wɔwɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. 9 Dɔm no tu teɛe de osebɔ teɛteɛɛ mu se,

"Hosiana Dawid Ba!"

"Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no."

"Hosiana ɔsoro nohɔ!"

10 Bere a oduu Yerusalem no, kurow no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfo no bisae se, "Na hena ni?"

11 Nnipadɔm no buae se, "Ɛyɛ Yesu, Odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no."

Yesu Hyiadan Mu

12 Yesu fii no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma mu no nyinaa gui. 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Kyerɛwsɛm no ka se, Mʼasɔrefi beae a wɔbɔ mpae.Nanso mo de, mode ayɛ adwowtwafo atenae."

14 Afei anifuraefo ne mmubuafo baa ne nkyɛn hyiadan mu ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 15 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi na wɔtee nso mmofra nkumaa a wɔwɔ hyiadan mu reteɛteɛ mu se, "Nhyira nka Dawid Ba no" no, anyɛ wɔn .

16 Enti wobisaa Yesu se, "Wote nsɛm a mmofra no reka no ana?"

Yesu bua se, "Yiw. Na monkenkan saa Kyerɛwsɛm a ɛka se,

" Mmofra ne nkokoaa mpo

de wɔn ano kamfo wono da, ana?"

17 Afei ofii san kɔɔ Betania kɔdaa .

Yesu Dome Borɔdɔma Dua Bi

18 Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no. 19 Ohuu borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ kɔhwɛɛ borɔdɔma no bi so, nanso oduu no, ohuu nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, "Efi nnɛ, worensow aba bio!" Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui.

20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, "Na ɛyɛɛ dɛn nti na borɔdɔma dua no so nhaban poo ntɛm saa?"

21 Yesu nso buaa wɔn se, "Nokware, mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, Tutu kogu po mu,na ebetutu akogu mu nso. 22 Biribiara a mode gyidi bebisa mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka."

Yesu Tumi Ho Asɛmmisa

23 Yesu san kɔɔ hyiadan mu a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu no.

24 Yesu kae se, "Merebebisa mo asɛm baako bi, na mummua me ansa. 25 Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane anaa ɛnyɛ ɔno?"

Wodwinnwen ho kae se, "yɛka Efi Onyankopɔna, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni? 26 Na yɛka se, Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa nonso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim Yohane odiyifo."

27 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne , "Yennim!"

Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, "munnim de a, me nso meremmua mo."

Mmabarima Baanu Ho

28 Yesu kae se, "Saa asɛm a merebɛka yi mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, Me ba, nnɛ mʼafum na kɔyɛ adwuma .

29 "Ne ba no kae se, Merenkɔ,nanso akyiri no, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔe.

30 "Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, Wo nso .Ɔno nso kae se, Agya, mate, mɛkɔ.Nanso wankɔ.

31 "Saa mmofra baanu yi mu hena na otie nʼagya asɛm?"

Wobuae se, "Ɛyɛ ne ba panyin no."

Yesu see wɔn se, "Akyinnye biara nni ho abɔnefo ne nguamanfo bɛkɔ Ɔsoro Ahenni mu ansa na moakɔ. 32 Efisɛ Yohane baa mo nkyɛn ɔrebɛkyerɛ mo trenee kwan, na moannye no anni. Nanso towgyefo ne nguamanfo gyee no dii. Na muhuu eyi mpo no, moansakra mo adwene, na moannye no anni."

Apaafo Ho

33 Yesu buu wɔn foforo bi se, "Da bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobeturo a wagye ban afa ho, na watu amoa a wokyi nsa mu, de afuw no gyaw akuafo bi. Eyi akyi no, otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. 34 Eduu bere a bobe no beree a ɛsɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafo no wommegye ne kyɛfa mmrɛ no.

35 "Woduu ara na akuafo no tow hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako na wosiw ɔbaako nso abo. 36 Afei ɔsan somaa nnipa a wɔn dodow sen wɔn a ɔsomaa wɔn kan no se wɔnkɔ akuafo no nkyɛn, nanso asɛm koro no ara bi na esii. 37 Eyi akyi no ɔsomaa ɔno nʼankasa ne ba kɔɔ akuafo no nkyɛn susuwii , wɔde nidi bɛma no.

38 "Nanso akuafo no huu ne ba no apue reba , wɔfaa ne ho adwene kae se, Ɔdedifo no na ɔreba no; momma yenkum no, na yɛmfa afuw no! 39 Ɛhɔ ara na wɔtwee no fii afuw no mu, kokum no too baabi.

40 "afuw wura no san ba a, mugye di dɛn na ɔbɛyɛ saa akuafo no?"

41 Yudafo mpanyin no buae se, "Ɔno nso bekum saa atirimɔdenfo no na ɔde afuw no ama akuafo foforo a wɔde ne kyɛfa bɛma no bere a ɛsɛ mu."

42 Yesu bisaa wɔn bio se, "Monkenkan Kyerɛwsɛm no mu da ,

" Ɔbo a adansifo apo no

ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea so tibo.

Awurade na wayɛ eyi,

na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?

43 "Nea mereka ara ne , wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman foforo a wobebu ne nnɔbae no ho nkontaa pa akyerɛ no. 44 Wɔn a wɔbɛhwe saa ɔbotan yi so no mu bebubu, na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw."

45 Bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no tee ase Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, 46 wɔpɛɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wosuro dɔm no efisɛ na wɔagye Yesu ato mu ɔyɛ Odiyifo.

Veja também