Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 5

3 "Nhyira ne wɔn a wonim wɔyɛ ahiafo honhom mu,

na wɔn na ɔsoro ahenni wɔn dea.

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.

5 Nhyira ne ahobrɛasefo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

6 Nhyira ne wɔn a wɔn ne wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.

7 Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ,

na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ.

8 Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,

na wɔn na wobehu Onyankopɔn.

9 Nhyira ne apatafo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

10 Nhyira ne wɔn a esiane wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn,

na wɔn na Ɔsoro Ahenni no wɔn dea.

11 "Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so. 12 Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso ɔsoro. Munhu saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no."

Veja também