Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 6

Nyaatwom Mmuadadi Ho Kɔkɔbɔ

16 "mudi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛnea nyaatwomfo di mmuada a wɔyɛ de nnipa anim anuonyam no. Merema mo ate ase , saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw. 17 wudi mmuada a, serɛn wo ti, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmfrɔm, 18 na mma nnipa nhu woredi mmuada, gye wʼAgya a ohu nea woyɛ kokoa mu nyinaa no nko ara; na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.

Veja também