Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 6

25 "Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura. 26 Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana? 27 Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin mpo?

28 "Adɛn nti na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ afifide bi wuram nhwiren, wɔnnwene ntama ho. 29 Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi. 30 Na Onyankopɔn tumi fura afifide a ɛwɔ nnɛ na ɔkyena enni ntama a, mo a mo gyidi sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo nea ehia mo? 31 Enti munnnwinnwen nea mubedi, nea mobɛnom anaasɛ nea mubefura ho. 32 Na wɔn a wonni gyidi no na bere biara wodwen saa nneɛma no ho. Na mo de, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim eyinom nyinaa ho hia mo. 33 Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho. 34 Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo no bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.

Veja também