Yesu Brɛ Ahum Ase
23 Yesu saa nyarewa no wiee no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu na nʼasuafo no dii nʼakyi. 24 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada. 25 Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, "Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!"
26 Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?" Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
27 Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?"