Ɔbea Bi Ayaresa Ne Ababaa Bi Wunyan
18 Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, "Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan." 19 Yesu ne nʼasuafo no ne ɔpanyin no sii mu sɛ wɔrekɔ ɔpanyin no fi.