23 Yesu duu ɔpanyin no fi hɔ a ohuu sɛ nkurɔfo no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, 24 ɔkae se, "Obiara mfi adi. Ababaa no nwui. Wada!" Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no. 25 Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da hɔ no. Osoo ne nsa. Prɛko pɛ, ababaa no nyanee.