Atamfo Tia Nsiesie No
1 Bere a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no, ne bo fuw yiye. Nʼani beree yiye, dii Yudafo no ho fɛw, 2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafo mpanyimfo anim se, "Dɛn na Yudafo ahiafo, mmɔborɔfokuw yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wogye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔre sɛ dɛn koraa a, wobetumi de da koro ato ɔfasu yi ana? Monhwɛ abo a ahyew asɛe yi a wɔreyiyi afi afabo yi mu de ayɛ adwuma bio?"
3 Na Amonni Tobia a na ogyina ne nkyɛn kae se, "Saa abo fasu yi de, sɛ sakraman koraa fa so a, ebedwiriw agu fam!"