Pular para o conteúdo
Publicidade

Neemias 8

1 ɔmanfo no nyinaa hyiaa wɔn Asuten Pon no ano. Ɔmanfo no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no se ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ Israelfo nni so no. 2 Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim. 3 Ɔde nʼani kyerɛɛ aguabɔbea Asuten Pon no ano, fi anɔpahema kosii owigyinae kenkan mmara no den, maa obiara a ɔte ase no tee. Ɔmanfo no nyinaa wɛn wɔn aso tiee mmara no.

4 Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no gyinaa apa tenten bi a wosi maa saa da no so. Nnipa a na wogyinagyina ne nifa so no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wogyinagyina ne benkum so no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

5 Ɛsra gyinaa apa no so a nnipadɔm no nyinaa hu no. Bere a wohuu wabue nhoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn anan so. 6 Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfo Nyankopɔn, na ɔmanfo no gyee so se, "Amen! Amen!" bere a na wɔmemamema wɔn nsa so akyerɛɛ soro. Afei, wɔkotokotow, som Awurade a wɔn anim butubutuw fam.

7 Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina no nea wɔnyɛ. 8 Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase.

9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ da kronkron Awurade, mo Nyankopɔn, anim." Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui.

10 Na Nehemia toaa so , "Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ da kronkron Awurade anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no ahoɔden."

11 Na Lewifo no nso kasae se, "Hwɛ! Munnsu. Efisɛ nnɛ da kronkron" de dwudwoo wɔn.

12 Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.

13 Na ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so akron no, mmusua ntuanofo no ne asɔfo no ne Lewifo no ne Ɛsra hyiae , wɔrehwehwɛ mmara no mu fekɔfekɔ. 14 Wɔkɔɔ mmara no mu no, wohuu Awurade nam Mose so ahyɛ , ɛsɛ Israelfo no tena asese mu afahyɛ a wɔrebedi no saa ɔsram no mu no. 15 Waka se, ɛsɛ wɔbɔ ɔhyɛ no ho dawuru wɔn nkurow nyinaa so, ne titirw no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfo no se, wɔnkɔ nkoko so nkɔhwehwɛ ngodua mman, kranku mman, ohuamnnua mman, bere ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no.

16 Enti nnipa no kotwitwaa nnua mman, na wɔde sisii asese wɔn afi, wɔn adiwo, Onyankopɔn asɔredan adiwo anaa aguabɔbea a ɛwowɔ Asuten Pon no ne Efraim Pon no mu. 17 Enti obiara a wafi afiasenna mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu afahyɛbere no mu nnanson; na obiara ani gyee yiye. Efi Nun babarima Yosua bere so no, na Israelfo nnii afahyɛ no saa kwan yi so da.

18 Ɛsra de nnanson kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no afahyɛ no ase da biara, efi da a edi kan de kosi da a etwa to. Afei, Tisri ɔsram (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.

Veja também