Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 12

1 Obiara a ɔpɛ ahohyɛso no nimdeɛ,

na nea okyi nteɛso no ogyimifo.

2 Nnipa pa nya Awurade nkyɛn adom,

na Awurade bu amumɔyɛfo .

3 Amumɔyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,

na wɔrentumi ntu ɔtreneeni ase.

4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa ne kunu ahenkyɛw,

nanso ɔyere nimguasefo te porɔwee ne kunu nnompe mu.

5 Atreneefo nhyehyɛe ,

na amumɔyɛfo afotu nnaadaa.

6 Amumɔyɛfo nsɛm da twɛn mogya,

na ɔtreneeni kasa yi wɔn fi mu.

7 Wotu amumɔyɛfo gu na wɔyera,

nanso atreneefo fi gyina pintinn.

8 Wɔkamfo onipa sɛnea ne nyansa te

na nnipa a wɔn adwene kɔntɔnkye de, wobu wɔn animtiaa.

9 Eye wobɛyɛ wo ho ɔteta nanso wowɔ ɔsomfo,

sen wobɛyɛ wo ho obi, nanso wunni aduan.

10 Ɔtreneeni ma ne nyɛmmoa nea wɔpɛ,

na amumɔyɛfo nneyɛe a eye pa ara atirimɔden.

11 Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan bebree,

na nea odi nsɛm huhuw akyi no nni adwene.

12 Amumɔyɛfo abɔnefo asade,

nanso ɔtreneeni ase .

13 Ɔbɔnefo anosɛm yi no afiri,

nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew ahohia mu.

14 Nneɛma pa fi onipa anom aba mu hyɛ no ma

sɛnea ne nsa ano adwuma ma no akatua no.

15 Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so,

na onyansafo tie afotu.

16 Nkwaseafo bo nkyɛ fuw,

nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so.

17 Ɔdanseni nokwafo di adanse turodoo,

na nea odi adansekurum no twa nkontompo.

18 Nsɛm hunu keka wowɔ te afoa

nanso onyansafo tɛkrɛma ma abodwo.

19 Ano a ɛka nokware no tim daa,

na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa.

20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu,

na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw.

21 Ɔhaw biara rento ɔtreneeni,

nanso amanehunu mee amumɔyɛfo.

22 Awurade kyi ano a etwa atoro,

na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho.

23 Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru

nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.

24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bedi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

25 Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow,

nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

26 Ɔtreneeni ntoboase ayɔnkofa mu,

nanso amumɔyɛfo kwan ma wɔfom.

27 Onihawfo ntoto ne hanam,

nanso nsiyɛfo ahonyade som bo ma wɔn.

28 Trenee kwan mu nkwa;

na owu nni saa kwan no so.

Veja também