Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 2

Nyansa So Mfaso Abrabɔ Mu

1 Me ba, wutie me nsɛm,

na woma me mmaransɛm tena wo mu a,

2 wowɛn wʼaso ma nyansa

na wode wo koma ma ntease,

3 na woma wo nne so frɛ nhumu

na wusu frɛ ntease,

4 na wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ

na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a,

5 ɛno na wobɛte Awurade suro ase

na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

6 Awurade ma nimdeɛ,

na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.

7 Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ,

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan ,

8 ɔwɛn nea ɔyɛ kwan,

na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban.

9 Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ ,

ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase.

10 Afei nyansa bewura wo koma mu,

na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.

11 Adwene bɛbɔ wo ho ban

na ntease ahwɛ wo so.

12 Nyansa beyi wo afi amumɔyɛfo akwan mu,

ebeyi wo afi nnipa a wɔn nsɛm basabasa nsam,

13 wɔn a wɔaman afi akwan pa so

akɔnantew sum akwan so no,

14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

na wodi ahurusi bɔne mu basabasayɛ ho,

15 wɔn a wɔn akwan kɔntɔnkye

na wɔyɛ abonsam wɔn akwan mu.

16 Nimdeɛ begye wo afi ɔbea waresɛefo no nsam,

afi ɔbea warefo huhuni a ɔka nnaadaasɛm ho,

17 nea wagyaa ne mmabaabere mu kunu

na wapo apam a ɔyɛɛ Onyankopɔn anim no.

18 Ne fi ɔkwan a ɛkɔ owu mu

na nʼakwan awufo honhom nkyɛn.

19 Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma

anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

20 Enti wubedi nnipa pa anammɔn akyi

na woanantew atreneefo akwan so.

21 Efisɛ wɔn a wɔteɛ bɛtena asase no so,

na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka ;

22 na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so,

na wɔatɔre atorofo ase.

Veja também