5 Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sen nna a aka no. Saa ara nso na onipa afoforo nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. 6 Obiara a obebu da bi kɛse no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, efisɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase.