Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 5

Asomdwoe Ne Anigye

1 Afei a ɛnam gyidi so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe. 2 Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye anidaso mu yebenya Onyankopɔn anim anuonyam. 3 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom, yɛwɔ yɛn haw mu anuonyam nso, efisɛ yenim ɔhaw de boasetɔ ba, 4 na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu nso de anidaso ba. 5 Saa anidaso yi renni yɛn nhuammɔ, efisɛ Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne agu yɛn koma mu.

6 Bere a ɛsɛ mu, bere a yɛyɛ mmerɛw no, Kristo wu maa amumɔyɛfo. 7 Na ɛbɛyɛ den obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee mpo, na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no. 8 Nanso Onyankopɔn da ne adi eyi mu , bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.

9 Esiane wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no nti, wɔnam ne so begye yɛn afi Onyankopɔn abufuwhyew mu. 10 Na bere a yɛyɛ atamfo mpo Onyankopɔn de ne Ba no wu yɛɛ mpatade maa yɛn a, saa mmere yi a yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa yi de, yenim ɔnam ne Ba no so begye yɛn nkwa. 11 Ɛnyɛ eyi nko, mmom yɛnam Awurade Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no so hoahoa yɛn ho Onyankopɔn mu.

Adam Owu Farebae, Kristo Nkwa Farebae

12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase, na ne bɔne no de owu bae. Ɛno nti owu trɛw baa nnipa nyinaa so, efisɛ wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.

13 Na bɔne ansa na wɔde mmara no reba. Nanso mmara nni a, wommu bɔne ho akontaa. 14 Nanso efi Adam bere so kosi Mose bere so no, owu dii nnipa nyinaa so kosii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne so, sɛnea Adam de, ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɔkwan bi so no, Adam Kristo, nea na ɔrebɛba no, sɛso.

15 Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ , efisɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware esiane saa onipa baako no bɔne nti, nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. 16 Bio, Onyankopɔn akyɛde no nte nsunsuanso a efi onipa baako bɔne mu bae no. Atemmu no nam bɔne baako so de afobu bae, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛde no de bembu bae. 17 ɛnam onipa baako bɔne so na owu dii hene a, ɛno de wɔn a wonya adom mmoroso ne trenee akyɛde no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bedi hene nkwa mu.

18 Enti sɛnea onipa baako bɔne a ɔyɛe no ma wobuu nnipa nyinaa no, saa ara nso na trenee nneyɛe baako ma wobuu nnipa nyinaa bem, ma yenyaa nkwa. 19 Na sɛnea ɛnam ɔbaakofo asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfo no, saa ara nso na onipa baako setie nti wɔbɛyɛ bebree atreneefo.

20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodow a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, 21 enti sɛnea bɔne di nnipa so de wɔn owu mu no, saa ara na adom no nam trenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade mu bɛba no.

Veja também