Pular para o conteúdo
Publicidade

Yakobo 3

9 Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so no.3.9 Sɛ wɔabɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, (1 Mose 1.2-27) wodome onipa biara a, woafom Onyankopɔn (1 Mose 9.6) 10 Ano koro no ara mu na nkamfo ne nnome fi ba. Me nuanom, ɛnsɛ ɛba saa. 11 Nsu pa ne nsu a ɛyɛ nkyenenkyene betumi afi asuti baako mu aba ana? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua betumi asow ngodua aba ana? Anaasɛ bobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara na asuti a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.

Veja também