Publicidade

1 Coríntios 1

Nkyea

1 Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn so enti, wɔafrɛ me menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn,

2 Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:

3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

4 Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. 5 Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. 6 Kristo ho asɛm atim mo mu, 7 ɛno enti, ɛsiane moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no enti, nhyira biara, monya bi. 8 Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara. 9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no ɔnokwafoɔ.

Asafo No Mpaapaemu

10 Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo , asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako. 11 Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe efie apae mu aka akyerɛ me , akasakasa mo asafo yi mu. 12 Asɛm a mepɛ meka ne , wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Yei ka , "Mewɔ Paulo afa" a, ɔfoforɔ , "Mewɔ Apolo afa." Obi sɔre na ɔse, "Mewɔ Petro afa" a, ɔbaako nso se, "Mewɔ Kristo afa."

13 Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu Paulo asuafoɔ anaa? 14 Meda Onyankopɔn ase mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. 15 Obiara rentumi nka wɔbɔɔ mo asu mʼasuafoɔ. 16 Mekae mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae mebɔɔ obi foforɔ asu bio. 17 Kristo ansoma me memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa.

Kristo A Ɔyɛ Onyankopɔn Tumi

18 Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19 Atwerɛsɛm no ka ,

"Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,

na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa."

20 Enti, onyansafoɔ he? Onimdefoɔ nso he? Ewiase yi mu akyinnyegyefoɔ he? Onyankopɔn akyerɛ ewiase yi mu nyansa ohunu. 21 Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ , nnipa a wɔpɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene wɔn a wɔgye asɛm a "aba nni mu" a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa. 22 Yudafoɔ hwehwɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa. 23 Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ; 24 nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. 25 Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ aba nni mu no, aba mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ ɛyɛ mmerɛ Onyankopɔn fam no den sene nnipa ahoɔden.

26 Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso. 27 Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. 28 Ɔfaa deɛ ewiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ ewiase susu ɛho hia no. 29 Yei kyerɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 30 Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho. 31 Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, "Obiara a ɔpɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho deɛ Awurade ayɛ mu."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-