Publicidade

1 Coríntios 7

Awadeɛ Ho Afotusɛm

1 Afei, deɛ ɛfa nsɛm a motwerɛ de brɛɛ me no ho nie: Ɛyɛ ɔbarima nware. 2 Nanso, ɛsiane adwamammɔ enti, ɛsɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbaa biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. 3 Ɛsɛ ɔbarima nʼasɛdeɛ okunu na ɔbaa nso nʼasɛdeɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. 4 Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi. 5 Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye mo nyinaa pene so ɛberɛ tiawa bi a morebɔ mpaeɛ; na mowie mpaeɛbɔ no a, monhyia mu, na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, ɛfiri , montumi nni mo ho so. 6 Menka saa asɛm yi ɔhyɛ so, na mmom, mereka no mama mo ho ɛkwan. 7 Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te me. Nanso, obiara adom akyɛdeɛ sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Yei nʼakyɛdeɛ na ɔfoforɔ nso nʼakyɛdeɛ.

8 Afei, asɛm a mereka akyerɛ asigyafoɔ ne akunafoɔ ne : Ɛbɛyɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛdeɛ mete yi. 9 Na morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Ɛyɛ mobɛware sene mobɛhyɛ mo ho ahometeɛ.

10 Mo awarefoɔ nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a ɛmfiri me na ɛfiri Awurade nkyɛn : Ɛnsɛ ɔbaa gyaa ne kunu. 11 ɛba saa a, ɛnsɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ okunu nso gyaa ne yere.

12 Mo a moaka no, meka mekyerɛ mo, ɛfiri mankasa, na ɛmfiri Awurade, Okristoni barima yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbaa no pene so ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ ɔbarima no gyaa no. 13 Saa ara nso na Okristoni baa okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ ɔbaa no gyaa no. 14 Esiane a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbaa no enti, Onyankopɔn bɛgye no na ɔbaa a ɔnyɛ Okristoni no nso, ɛsiane a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no enti, Onyankopɔn bɛte ne ho. anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ abosonsomfoɔ mma, nanso sɛdeɛ ɛte yi deɛ, wɔyɛ kronkron.

15 Na nso wɔn mu deɛ ɔnyɛ Okristoni no ɔte ne ho firi Okristoni no ho a, momma no ɛkwan. ɛba saa a, Okristoni no, ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo montena ase asomdwoeɛ mu. 16 Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu worentumi nnye wo yere nkwa?

17 Mo mu biara ntena ase akyɛdeɛ a Awurade de akyɛ no no so sɛdeɛ na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Yei ne mmara a mekyerɛ asafo biara mu. 18 twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnnedeɛ biara. ɔbarima nso a ɔntwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ ɔtwa twetia. 19 Ɛfiri , obi atwa twetia na ɔfoforɔ nso ntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne wobɛdi Onyankopɔn mmara so. 20 Sɛdeɛ obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena no saa ara.

21 Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa anaa? Mma ɛno nha wo na wowɔ ɛkwan bi a wobɛtumi afa so ade wo ho a, fa so. 22 Ɛfiri , akoa a Awurade afrɛ no no Awurade onipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no Kristo akoa. 23 Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno enti, monnyɛ nkoa mma nnipa. 24 Anuanom, ɛsɛ mo mu biara tena ase Onyankopɔn mu sɛdeɛ na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.

25 Deɛ ɛfa asigyafoɔ nso ho no nie: Mennyaa ɔhyɛ nsɛm biara memfirii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu enti wɔagye me ato mu. 26 Wodwene seesei ɔhaw yi ho a, medwene , ɛyɛ onipa tena ase sɛdeɛ ɔte biara. 27 Wowɔ ɔyere? wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene woregyaa no. Wonwaree anaa? wonwaree a, nhwehwɛ ɔyere. 28 Nanso, woware a, wonyɛɛ bɔne. ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso, ɔhaw a saa awadeɛ no de ba no, ɛkaa me nko a, anka mempɛ saa ɔhaw no bɛba mo so.

29 Deɛ mekyerɛ ne , anuanom, ɛberɛ a aka sua. Ɛfiri saa ɛberɛ yi, ɛsɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛdeɛ wɔnwaree da; 30 wɔn a wɔsu sɛdeɛ wɔn werɛ nhoeɛ; wɔn a wɔsere sɛdeɛ wɔnni anigyeɛ; wɔn a wɔtɔ sɛdeɛ deɛ wɔtɔeɛ no nyɛ wɔn deɛ; 31 wɔn a wɔde ewiase abɔ wɔn bo sɛdeɛ wɔnhunuu bi da. Na sɛdeɛ ewiase yi te seesei yi rentena saa nkyɛ.

32 Mempɛ biribiara ha mo. Ɔbarima a ɔnwareeɛ no, ɛsɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; ɛfiri , ɔbɔ mmɔden Awurade ani bɛsɔ no; 33 nanso ɔbarima warefoɔ de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri , ɔpɛ ɔsɔ ne yere ani, 34 enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu de ne ho ma Awurade adwuma honam ne honhom fam; nanso ɔbaa a wawareɛ no de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri , ɔpɛ ɔsɔ ne kunu ani. 35 Mereka saa asɛm yi, ɛfiri , mepɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom, mepɛ moyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.

36 Ɔbarima ne ɔbaa a wɔahyehyɛ awadeɛ na afei wɔayɛ wɔn adwene wɔrenware bio no, ɔbarima no hunu ɔnyɛ nʼasɛdeɛ mma ɔbaa no nanso ɔntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so enti no ɔpɛ ɔware a, ɛsɛ ɔware sɛdeɛ ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni yei ho. 37 Nanso, ɛyɛ mmom ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi ɔrenware. 38 Ɛyɛ ɔbarima ware deɛ, nanso anka wanware koraa a na ɛyɛ.

39 ɔbaa ɔwarefoɔ kunu te ase a, ɔnne ne ho; na ne kunu no wu deɛ a, ɔwɔ ho ɛkwan ɔware ɔfoforɔ a ɔpɛ; nanso ɛsɛ ɛyɛ Kristo awadeɛ. 40 Na ɔtumi tena ase sɛdeɛ ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yie. Mʼadwene ni, na megye di me nso me Onyame Honhom.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-