Publicidade

1 João 5

Sɛdeɛ Nhyehyɛeɛ No Bɛyɛ

1 Obiara a ɔgye di Yesu Agyenkwa no Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no ne mma no nso. 2 Yei na ɛma yɛhunu yɛdɔ Onyankopɔn mma; yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛdeɛ so. 3 Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yɛdi nʼahyɛdeɛ so. Na nʼahyɛdeɛ no nso sodie nyɛ den mma yɛn, 4 ɛfiri , Onyankopɔn ba biara di ewiase so nkonim. Yɛnam yɛn gyidie so di ewiase so nkonim. 5 Hwan na ɔbɛtumi adi ewiase so nkonim? Obi a ɔgye di Yesu Onyankopɔn Ba no nko ara.

Yesu Kristo Ho Adansedie

6 Yesu Kristo obi a ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ. Ɛnyɛ nsuo nko so na ɔnam baeɛ na mmom, nsuo ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na ɛdi ho adanseɛ ɛfiri , Honhom no ne nokorɛ no. 7 Adansefoɔ baasa na wɔwɔ . 8 Honhom no, nsuo no ne mogya no. Saa adansefoɔ yi adwene hyia. 9 Yɛgye adanseɛ a nnipa di no di; nanso adanseɛ a Onyankopɔn di no mu den yie. Na saa adanseɛ no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no. 10 Enti, obi a ɔgye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanseɛ yi adi nʼakoma mu. Na obi a ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ, ɛfiri , wannye adanseɛ a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho anni. 11 Yei ne adanseɛ no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a ɛnni awieeɛ; na saa nkwa no ne Ba no mu. 12 Obiara a ɔwɔ Ɔba no saa nkwa no, na obiara a ɔnni Ɔba no nni nkwa no.

Nkwa A Ɛnni Awieeɛ

13 Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. 14 Na anidasoɔ a yɛwɔ Onyankopɔn anim ne , yɛnim biribiara a yɛbisa no ne mu no, ɔtie yɛn. 15 Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu yei nokorɛ yi, yɛnim nso ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara.

16 obi hunu ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owuo mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpaeɛ mma no. Yei fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owuo mu no ho. Bɔne bi a ɛde onipa owuo mu na ɛno ho deɛ, menka mommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Onyankopɔn. 17 Afideyɛ nyinaa bɔne, nanso bɔne bi a ɛnkɔwie owuo mu.

18 Yɛnim Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri , Onyankopɔn Ba no wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne. 19 Yɛnim yɛyɛ Onyankopɔn mma, na ewiasefoɔ deɛ wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase. 20 Yɛnim Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahunu nokorɛ Onyankopɔn no. Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔma daa nkwa no.

21 Me mma, montwe mo ho mfiri abosom ho.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-