23 Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu. 24 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no aka no,
"Nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ;
na wɔn animuonyam te sɛ nhwiren.
Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po,
25 nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa."
Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.