Publicidade

1 Pedro 1

1 Krataa yi firi Yesu Kristo ɔsomafoɔ Petro nkyɛn,

Meretwerɛ krataa yi akɔma Onyankopɔn nnipa a wɔahwete ahɔhoɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no. 2 Onyankopɔn, yɛn Agya, na ɛfiri teteete no ɔfrɛɛ mo. Na ɔnam ne Honhom so ayɛ mo kronkron. Ɛno enti, moayɛ ɔsetie ama Yesu Kristo, na ɔde ne mogya ate mo ho:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo.

Anidasoɔ

3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim, 4 enti yɛrehwɛ anim yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie ɔsoro ama mo ɛfiri , ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso. 5 Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ mobɛduru asomdwoeɛ mu, na mo nsa aka, ɛfiri , mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahunu. 6 Ɛwom , ebia, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no enti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. 7 Ɔhaw ba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu mo gyidie no kann. Sikakɔkɔɔ a wɔtumi sɛe no no mpo, wɔde ogya hwɛ. Enti, mo gyidie a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no, ɛsɛ wɔsɔ hwɛ hunu , ɛbɛtumi atim anaa. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mobɛnya animuonyam. 8 Ɛwom monhunuu Yesu deɛ, nanso modɔ no. Monhunu no seesei deɛ, nanso mogye no di. Anigyeɛ a moanya no boro so 9 ɛfiri , mo nsa reka gyidie ho mfasoɔ a ɛyɛ mo kra nkwagyeɛ no.

10 Saa nkwagyeɛ yi na tete adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, ɛberɛ a wɔhyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. 11 Wɔpɛɛ wɔhunu ɛberɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a Kristo Honhom a ɔte wɔn mu no kyerɛɛ wɔn nkɔmhyɛ mu Kristo bɛhunu amane, na akyire no wanya animuonyam. 12 Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ no , wɔanyɛ wɔn adwuma no amma wɔn ho, na mmom, wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Yei adeɛ a ɛyɛ nwanwa yie, na abɔfoɔ mpo de anigyeɛ sononko rehwɛ anwanwadwuma a ɛrekɔ so yi.

13 Enti, monsi mo adwene pi na monni mo ho so. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. 14 Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so ɛberɛ a na monnim no nni mo so. 15 Na mmom, monyɛ kronkron biribiara a moyɛ mu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no kronkron no. 16 Atwerɛsɛm no aka , "Ɛsɛ moyɛ kronkron, ɛfiri , meyɛ kronkron."

17 Monkae mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpaeɛ no renhwɛ nnipa anim nʼatemmuo mu. Ɛno enti mo nna a aka mo asase yi so no, momfa anidie nyinaa mma no. 18 Ɛfiri , monim bo a wɔtua de gyee mo firii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ adeɛ a ɛhwere ne boɔ a ɛsom te dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. 19 Na mmom Kristo a ɔyɛ odwammaa a ɔnni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ne boɔ den ma monyaa ahofadie. 20 Ansa na wɔrebɔ ewiase no, na Onyankopɔn ayi no, na mo enti na nna a ɛdi akyire no, wɔdaa no adi. 21 Ɛnam ne so na mogyee Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam no diiɛ. Ɛnam ne so ama mo gyidie ne mo anidasoɔ atim Onyankopɔn mu.

22 Seesei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no, mo ho ate. Ɛno enti, monnodɔ mo nuanom agyidifoɔ nokorɛ mu. Momfiri mo akoma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23 Ɛfiri , wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu. 24 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no aka no,

"Nnipa nyinaa te ɛserɛ;

na wɔn animuonyam te nhwiren.

Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po,

25 nanso Awurade asɛm no daa nyinaa."

Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-