Publicidade

1 Pedro 5

Kɔkɔ A Wɔbɔ Adefoɔ

1 Me a meyɛ ɔpanin no, metu asafo no mu mpanimfoɔ fo , meyɛ Kristo amanehunu no ho adanseɛ enti nʼanimuonyam a ɛbɛba no bɛka me. Metu mo fo , 2 monyɛ nnwan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nnwanhwɛfoɔ na monhwɛ wɔn yie sɛdeɛ Onyankopɔn moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom, ara na mopɛ moyɛ. 3 Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ pa mma nnwan no. 4 Na Odwanhwɛfoɔ panin no ba a, wɔbɛma mo animuonyam ahenkyɛ a ɛho nsɛe da.

5 Saa ara na ɛsɛ mmabunu, mobrɛ mo ho ase ma mpanimfoɔ. Mo nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanimu mmɔ mo asene na monsom mo ho mo ho ɛfiri , Atwerɛsɛm no ka ,

"Onyankopɔn si ahantanfoɔ ɛkwan

na ɔdom ahobrɛasefoɔ."

6 Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi mu no ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so ɛberɛ a ɛsɛ mu. 7 Momfa mo dadwene ne mo haw nyinaa nto ne so ɛfiri , ɔdwene mo ho.

8 Mo ani nna ; monwɛn ɛfiri , mo ɔtamfoɔ bonsam no nam gyata a ɔbobɔm hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene. 9 Momfa gyidie nnyina pintinn nsi no ɛkwan ɛfiri , monim mo nuanom agyidifoɔ a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa rehunu saa amane korɔ no ara bi.

10 Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ. 11 Ɔno na tumi no daa daa. Amen.

12 Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me maa metwerɛɛ saa krataa tiawa yi. Mepɛ mehyɛ mo nkuran na medi adanseɛ , yei Onyankopɔn adom kann. Monnyina mu dennen.

13 Asafo a Onyankopɔn ayi Babilonia no ne me ba Marko kyea mo.

14 Momfa ɔdɔ atuuyɛ Kristo mu nkyeakyea mo ho mo ho.

Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-