Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Pedro 3

Ɔyerenom Ne Okununom

1 Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia mobɛka biribi, 2 ɛfiri wɔbɛhunu obuo ne anidie a mode ma Onyankopɔn mo suban mu. 3 Mommma ɔhonam mu asiesie nnyɛ mo dadwene; ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira. 4 Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ akomamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5 Saa ɛkwan yi so na mmaa agyidifoɔ a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidasoɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ. 6 Sara yɛɛ saa ara. Ɔtiee Abraham asɛm frɛɛ no "Me wura." Seesei moyɛ papa na monsuro hwee a, moyɛ ne mmammaa.

Veja também