Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Tessalonicenses 4

16 Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano den, ɔbɔfoɔ panin nteamu ne Onyankopɔn totorobɛnto nnyegyeeɛ firi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bɛsɔre kane, 17 na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase ɛberɛ no ne wɔn a wɔasɔre no ano omununkum mu ahyia Awurade ewiem. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. 18 Enti, momfa saa asɛm yi nkyekyere obiara werɛ.

Veja também

1 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 1 Tessalonicenses