Publicidade

2 Timóteo 1

Nhyira

1 Nwoma yi firi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me ɔsomafoɔ, menkɔbɔ nkwa a ɔnam Kristo Yesu so de baeɛ no ho dawuro.

2 Mede kɔma me dɔba Timoteo:

Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

3 Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛdeɛ me mpanimfoɔ yɛeɛ no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo me mpaeɛbɔ mu. 4 Mekae wo nisuteɛ ɛberɛ a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti mehunu wo bio a mʼani bɛgye. 5 Mekae gyidie a emu den a na wowɔ, gyidie a ɛfirii aseɛ firii wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no, na megye di woda so kura saa gyidie no a emu den no ara mu.

6 Yei enti merebɔ wo nkaeɛ kae akyɛdeɛ a ɛberɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. 7 Ɛfiri , Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ. 8 Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9 Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10 na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn. 11 Onyankopɔn ayi me ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ menna Asɛmpa no adi. 12 Ɛnam yeinom so enti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so gyidie, ɛfiri , menim deɛ mede me ho to no so no, na menim nso ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.

13 nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yie, na fa nhwɛsodeɛ, na tena gyidie ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn dea Kristo Yesu mu no. 14 Wɔde ademudeɛ a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa ho ban.

15 Sɛdeɛ wonim no, Akristofoɔ a wɔfiri Asia baa ha no nyinaa adwane agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.

16 Awurade nhunu Onesiforo fiefoɔ mmɔbɔ ɛfiri , ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu me ho mada afiase pɛn, 17 na ɔduruu Roma ara , ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kɔsii ɔhunuu me. 18 Awurade mmoa no na da no ɔnnya ahummɔborɔ mfiri Awurade no nkyɛn! Wonim akwan ahodoɔ a ɔfaa so boaa me Efeso.

Veja também

2 Timóteo
Ver todos os capítulos de 2 Timóteo
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-