10 Awurade da no,1.10 Yudafoɔ da a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan no. Wɔfrɛɛ da no saa, ɛfiri sɛ, saa da no na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Saa ɛda no ara nso na Akristofoɔ hyiaeɛ (Hwɛ Aso 20.7) na wɔgyegyee toɔ (Hwɛ 1 Ko 16.2). Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. 11 Ɛkaa sɛ, "Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no."