Publicidade

Apocalipse 22

Nkwa Asubɔnten

1 Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani te korɔgyenn ahwehwɛ a ɛfiri Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so, 2 a ɛtene fa kuro no abɔntene mfimfini. Asuo no fa biara, nkwa dua si a ɛso aba ahodoɔ dumienu ɔbosome biara. Wɔde ɛso ahahan no sa aman ahodoɔ no yadeɛ. 3 Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kuro no mu. Wɔbɛhunu Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa kuro no mu na nʼasomfoɔ bɛsom no. 4 Wɔbɛhunu nʼanim na wɔbɛtwerɛ ne din agu wɔn moma so. 5 Adeɛ rensa bio, na nkanea anaa hann ho nhia ɛfiri , Awurade Onyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wɔbɛdi adeɛ ahene daa daa.

Kristo Reba

6 Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me , "Saa nsɛm yi nokorɛ a wode wo ho to so a, ɛyɛ. Na Awurade Onyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifoɔ somaa ne ɔbɔfoɔ ɔmmɛkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛbɛba nnansa yi ara no."

7 Yesu kaa , "Montie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wɔtie adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no!"

8 Me, Yohane, mate na mahunu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, hunuu ne nyinaa wieeɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa nan ase pɛɛ mesom no. 9 Nanso, ɔka kyerɛɛ me , "Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfoɔ te wo nuanom adiyifoɔ ne wɔn a wɔdi nwoma yi mu nsɛm no so no ara . Som Onyankopɔn!"

10 Na ɔka kyerɛɛ me , "Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no so, ɛfiri , ɛberɛ no abɛn. 11 Obiara a ɔyɛ bɔne nkɔ so nyɛ bɔne, na deɛ ɔyɛ efi no nkɔ so nyɛ efi; deɛ ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na deɛ ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron."

12 Hwɛ! Mereba ntɛm! Mekura mʼabasobɔdeɛ mede rebɛma obiara sɛdeɛ nʼadwumayɛ teɛ. 13 Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifoɔ ne Okyidifoɔ, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.

14 "Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, na wɔn na wɔwɔ ho ɛkwan wɔdi nkwa dua no aba na wɔfa kuro no ɛpono no mu. 15 Na Kuro no akyi na nkraman ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ no nyinaa .

16 "Me, Yesu, na masoma me ɔbɔfoɔ ɔmmɛbɔ mo saa nwoma yi nyinaa ho amaneɛ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no."

17 Honhom no ne ayeforɔ no se, "Ɛsɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka , Bra!Na deɛ osukɔm de no no mmra, na deɛ ɔpɛ no nso, ɔmmɛgye nkwa nsuo no kwa."

Awieeɛ

18 Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu kɔkɔ : obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotweɛ bɛka ne haw a wakyerɛ mu saa nwoma yi mu no ho. 19 Na obi nso yi bi firi adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa a ɔbɛnya nkwa dua no ne kuro Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu nwoma yi mu no.

20 Deɛ ɔdi nwoma yi ho adanseɛ no ka , "Aane! Mereba ntɛm!"

Amen. Bra, Awurade Yesu!

21 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefoɔ nyinaa. Amen.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-