13 Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ,
"Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi,
nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no,
daa daa!"
14 Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, "Amen!" Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.