Publicidade

Daniel 10

Daniel Hunu Ɔbɔfoɔ Anisoadehunu Mu

1 Persiahene Kores adedie afeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no nokorɛ, na ɛfa ɔko kɛseɛ bi ho. Ɔnyaa nkra no asekyerɛ anisoadehunu mu.

2 Saa ɛberɛ no, me, Daniel, medii awerɛhoɔ nnawɔtwe mmiɛnsa. 3 Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ.

4 Ɔbosome a ɛdi ɛkan no, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, ɛberɛ a megyina asubɔnten kɛseɛ Tigris konkɔn so no, 5 mepagyaa mʼani na mehunuu ɔbarima bi a ɔfira nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ amapa abɔsoɔ a ɛfiri Ufas nʼasene mu. 6 Ne onipadua no te aboɔdenboɔ. Nʼanim te anyinam, nʼani te ogyatɛn a ɛrederɛ, ne nsa ne nan te yaawa a wɔabere ho hyerɛn, na ne nne nso te nipakuo nnyegyeɛ.

7 Me, Daniel nko ara na mehunuu saa anisoadehunu no; nnipa a na wɔka me ho no anhunu hwee. Ehu kɛseɛ bi bɔɔ wɔn ma wodwane kɔtetɛeɛ. 8 Enti, ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehunu kɛseɛ yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim too hoa, afei na menni ɔboafoɔ biara. 9 Na metee ɔrekasa, na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butu fam.

10 Nsa bi sɔɔ me mu, pagyaa me a me nsa ne me kotodwe rewoso biribiribiri. 11 Ɔkaa , "Daniel, wo a wɔbu wo yie, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wo nkyɛn." Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopoɔ sɔreeɛ.

12 Afei, ɔkɔɔ so kaa , "Nsuro, Daniel. Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a wopɛɛ wote anisoadehunu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wo Onyankopɔn anim no na ɔtee wo nsɛm, na ɛno enti na maba yi. 13 Nanso, ɔhene babarima a ɔfiri Persia ahennie mu sii me ɛkwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitire no mu baako bɛboaa me, ɛfiri na wɔde me asie Persia ɔhene nkyɛn. 14 Seesei, maba merebɛkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba wo nkurɔfoɔ so daakye, ɛfiri saa anisoadehunu yi fa berɛ bi a ɛrebɛba ho."

15 Ɛberɛ a ɔreka yei akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔree mum. 16 Afei, obi a ɔte onipa de ne saa kaa mʼano, na mebuee mʼano, hyɛɛ aseɛ kasaeɛ. Meka kyerɛɛ deɛ ɔgyina mʼanim no , "Anisoadehunu no ama me ho adwiri me, me wura, na menni ɔboafoɔ biara. 17 Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa bɛtumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mentumi nhome."

18 Deɛ ɔte onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden. 19 Ɔka kyerɛɛ me , "Nsuro, wo a wɔbu wo bebree. Asomdwoeɛ nka wo. Hyɛ wo ho den. den."

Ɔkasa kyerɛɛ me no, menyaa ahoɔden na mekaa , "woama me ahoɔden yi, kasa, me wura."

20 Enti ɔbisaa , "Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛre, mɛsane akɔ na me ne Persia ɔhene babarima akɔko, na mekɔ a, Hela ɔhene babarima bɛba; 21 nanso, mɛdi ɛkan aka deɛ wɔatwerɛ Nokorɛ Nwoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye Mikael a ɔyɛ wo henebabarima no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-