5 "Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asene no na ɔde tumi a ɛyɛ den bɛdi ahemman no so. 6 Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama.
Publicidade