Publicidade

Daniel 2

Nebukadnessar Daeɛso

1 Nebukadnessar adedie mfeɛ mmienu so, ɔsosoo daeɛ bi ma ɛhaa no ara kɔsii , na ɔntumi nna. 2 Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ bisaa wɔn , wɔnkyerɛ no daeɛ ko no. Wɔbɛgyinaa ɔhene no anim no, 3 ɔkaa , "Maso daeɛ bi a ɛha me, enti mepɛ monkyerɛ me daeɛ ko a mesoeɛ no, ɛfiri , ɛsɛ mehunu."

4 Na Kaldeafoɔ no buaa no Arameike kasa mu , "Ɔhene nkwa so! Ka daeɛ no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ aseɛ."

5 Nanso, ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafoɔ no , "Yei ne gyinaeɛ a masi asɛm yi ho. moantumi anka me daeɛ no, na moankyerɛ me aseɛ a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔbɛbubu mo afie, ama afu wira. 6 Na moka me daeɛ no, kyerɛ me aseɛ a, mɛma mo akyɛdeɛ a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka daeɛ no, na monkyerɛ me aseɛ."

7 Wɔkaa bio , "Yɛsrɛ wo, Nana, ka daeɛ no kyerɛ wʼasomfoɔ, na yɛbɛkyerɛ wo aseɛ."

8 Ɔhene no buaa , "Mahunu mo nnaadaa no. Mahunu , moretwentwɛn ɛberɛ no so, na monim gyinaeɛ a masi asɛm a mekaeɛ no ho. 9 moanka daeɛ no ankyerɛ me a, asotwe baako na ɛda ma mo. Moapam mobɛdi atorɔ adaadaa me. Mosusu asɛm no bɛsesa. Monka daeɛ no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahunu mobɛtumi akyerɛ aseɛ."

10 Kaldeafoɔ no buaa Ɔhene no , "Onipa teasefoɔ biara nni a ɔbɛtumi akyerɛ wo, Nana, wo daeɛ a woaso no. Na ɔhene biara nso nni , ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ anaa Kaldeafoɔ saa asɛm yi bi pɛn. 11 Ɔhene abisadeɛ yi den dodo. Obiara nni a ɔbɛtumi aka wo daeɛ no gye anyame. Nanso, wɔn tenabea nni ewiase yi mu."

12 Ɔhene no tee saa asɛm yi no, ne bo fuu yie, enti ɔhyɛɛ , wɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa. 13 Na ɛsiane ɔhene no mmara den wɔnkunkum anyansafoɔ no enti, wɔsomaa mmarima wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wɔnkunkum wɔn.

14 Ɛberɛ a, Ariok a ɔyɛ ɔhene no awɛmfoɔ so panin baa ɔrebɛkum wɔn no, Daniel faa nyansakwan so ne no kasaeɛ. 15 Daniel bisaa Ariok , "Adɛn enti na ɔhene hyɛɛ mmara a ano den saa?" Na Ariok kaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ no. 16 Daniel kɔhunuu Ɔhene no, na ɔsrɛɛ no ɔmma no berɛ kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ daeɛ no ase.

17 Na Daniel kɔɔ ne fie kɔbɔɔ ne nnamfonom Hanania, Misael ne Asaria asɛm a asie. 18 Ɔhyɛɛ wɔn , wɔmmisa ɔsoro Onyankopɔn , ɔnnom wɔn nʼahummɔborɔ sɛdeɛ wɔrenkum wɔn mfra anyansafoɔ nkaeɛ a wɔwɔ Babilonia no mu. 19 Anadwo no, ɔdaa kɔkoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel anisoadehunu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Onyankopɔn 20 na ɔkaa ,

"Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa,

ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.

21 Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ;

ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so.

Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa,

na ɔma nhunumu ho nimdeɛ.

22 Ɔda nneɛma a emu na ɛyɛ nwanwa adi,

na ɔnim deɛ ahinta sum mu;

hann atwa ne ho ahyia.

23 Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn,

ɛfiri , woama me nyansa ne tumi;

woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me,

ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn."

Daniel Kyerɛ Daeɛ No Ase

24 Afei, Daniel kɔhunuu Ariok a wɔahyɛ no ɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no , "Nkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no. Fa me ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne daeɛ no ase."

25 Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kaa , "Mahunu atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, daeɛ no ase."

26 Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar) no , "Ɛyɛ nokorɛ? Wobɛtumi akyerɛ me deɛ mehunuu me daeɛ no mu na woakyerɛ me aseɛ?"

27 Daniel buaa , "Nana, anyansafoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, nkonyaayifoɔ anaa ntafowayifoɔ biara nni a wɔbɛtumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi! 28 Nanso, Onyankopɔn bi ɔsoro a ɔda kɔkoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ɛbɛsi daakye. Wo daeɛ no ne anisoadehunu a ɛberɛ a woda wo mpa so no wohunuiɛ nie:

29 "Nana, ɛberɛ a woreda no, wʼadwene kɔsisii nsɛm bi a ɛbɛsisi so. Deɛ ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo deɛ ɛrebɛba. 30 Na ɛnnyɛ , Nana, menim nyansa kyɛn onipa teasefoɔ biara enti, na mmom Onyankopɔn Nana nya ahintasɛm no asekyerɛ na ɔte deɛ ɛbaa nʼadwene mu no ase.

31 "Nana, wʼanisoadehunu no mu, wohunuu ohoni kɛseɛ bi ɔgyina wʼanim a ɔso pa ara na ɛharan hyɛnn na ne ho hu yie. 32 Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ne ti; Dwetɛ na wɔde yɛɛ ne koko ne nʼabasa. Kɔbere na wɔde yɛɛ ne yafunu ne nʼasrɛ. 33 Dadeɛ na wɔde yɛɛ ne nan, na wɔde dadeɛ ne dɔteɛ a wɔde afra yɛɛ ne nantabon. 34 Na Nana, worehwɛ no, ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛhwee dadeɛ ne dɔteɛ nantabon no so, pɛkyɛɛ no gɔsɔɔ. 35 Afei Nana, ohoni mu no nyinaa a ɛyɛ dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, ma ɛyɛɛ ahuhuro berɛ mu ayuporobea so ntɛtɛ, ma mframa bɛhuu ne nyinaa kɔeɛ a, hwee anka . Nanso, ɔboɔ a ɛpem ohoni no hwee fam no danee bepɔ kɛseɛ a ɛkataa asase nyinaa so.

36 "Nana, daeɛ no nie o, afei, yɛrebɛkyerɛ wo aseɛ. 37 Nana, woyɛ ahene bebree so ɔhene. Ɔsoro Onyankopɔn ayɛ wo ahene mu ɔhene, ama wo tumi, ahoɔden ne animuonyam. 38 Ɔde ewiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wiram ne nnomaa a wɔtu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn so difoɔ. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no.

39 "Na wʼahemman aba nʼawieeɛ akyi no, ahemman a ɛnnto wo deɛ no bɛsɔre abɛsi wʼananmu. saa ahemman no gu a, ahemman kɛseɛ foforɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a kɔbere yafunu ne asrɛ no gyina ma no no bɛsɔre adi ewiase so. 40 Nea ɛbɛdi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛso na ɛwɔ ahoɔden te dadeɛ. Saa ahemman no bɛbubu, ayam aman a adi ɛkan no nyinaa te sɛdeɛ dadeɛ bubu yam biribiara a ɛne no hyia no. 41 Nana, sɛdeɛ wohunu nantabon ne nansoaa dadeɛ ne dɔteɛ a adi afra no kyerɛ , saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ. 42 Nʼafaafa bi bɛyɛ den dadeɛ, na ebi ayɛ mmerɛ dɔteɛ. 43 Saa dadeɛ ne dɔteɛ mfrafraeɛ no sane kyerɛ , saa ahemman no bɛyɛ nnipa ahodoɔ a wɔadi afra a wɔntumi nka wɔn ho mmɔ mu sɛdeɛ dadeɛ ne dɔteɛ ntumi nni afra no.

44 "Saa ahemfo no adedie mu no, Ɔsoro Onyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenaseɛ a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ɛbɛdwɛre ahemman ahodoɔ yi nyinaa de wɔn aba awieeɛ, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina afebɔɔ. 45 Ɔboɔ no a nsa biara nkura mu na ɛtwa firi bepɔ no so a ɛyam dadeɛ, kɔbere, dɔteɛ, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafraeɛ ohoni no gyina ma saa ɔman no.

"Onyankopɔn kokuroko akyerɛ Nana, deɛ ɛbɛba daakye. Daeɛ no nokorɛ, na ne nkyerɛaseɛ kann."

Nebukadnessar Daniel Aba So

46 Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase Daniel anim, somm no, na ɔhyɛɛ ne manfoɔ , wɔmfa afɔrebɔdeɛ mmra, na wɔnhye aduhwam nʼanim. 47 Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel , "Nokorɛ, wo Onyankopɔn Onyankopɔn anyame mu; ɔyɛ Awurade ahene so ahintasɛm mu kyerɛfoɔ, ɛfiri , wo na woatumi akyerɛ saa kɔkoamsɛm yi mu."

48 Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yie sane yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yie. Ɔmaa Daniel bɛyɛɛ sohwɛfoɔ Babiloniaman no mu nyinaa, na ɔde no sii nʼanyansafoɔ no nyinaa so ɔhene. 49 Daniel bisa ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfoɔ, na Daniel yɛɛ ɔsomfoɔ ɔhene aban mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-