Pular para o conteúdo
Publicidade

Daniel 6

Daniel Da Agyata Amena Mu

1 Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano. 2 Ɔhene no sane yii Daniel ne afoforɔ baanu bi sohwɛfoɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahwɛyie, na ɔhene no ammɔ ka. 3 Na Daniel daa ne ho adi ɔnim de sohwɛfoɔ ne ahenemma no mu, ɛno enti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛeɛ , ɔde no bɛsi ɔman no nyinaa so panin.

4 Ɛyɛɛ saa maa sohwɛfoɔ ne ahenemma no hwehwɛɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm nʼamammuo no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomsoɔ biara, ɛfiri ɔyɛ nokwafoɔ. 5 Ɛna mmarima no kaa , "Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye yɛhunu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de asum no afidie."

6 Enti, sohwɛfoɔ no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Nana wo nkwa so! 7 Yɛn sohwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ahenemma, afotufoɔ ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa apene so , ɛsɛ Nana hyɛ mmara , adaduasa a ɛdi animu yi, obiara nni ho ɛkwan ɔbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu. 8 Ɛno enti, Nana, twerɛ na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛdeɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔntumi nsesa no no teɛ." 9 Ɛno enti, ɔhene Dario twerɛɛ mmara no.

10 Na Daniel tee wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛnee nʼaborɔsan dan a ne mpomma anim kyerɛ Yerusalem no. Ɛda biara ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ mprɛnsa daa ne Onyankopɔn ase sɛdeɛ ɔyɛ daa no. 11 Mpanimfoɔ no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fie kɔhunuu no ɔrebɔ mpaeɛ resrɛ Onyankopɔn mmoa. 12 Enti, wɔsane kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no , "Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka adaduasa a ɛdi animu yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpaeɛ, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu no anaa?"

Ɔhene no buaa , "Aane, saa mmara no ; ɛyɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔrentumi nsesa no."

13 Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene no , "Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda atukɔfoɔ no mu baako no mmu wo, na ɔnni wo mmara no nso so. Ɔda so ne Onyankopɔn mpaeɛ mprɛnsa da koro." 14 Ɔhene no tee saa no, ɛhaa no yie, na ɔdwene ho ara kɔsii anwummerɛ pɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa.

15 Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no , "Nana, anidie mu, wonim , Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara mu no, wɔntumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ."

16 Ɔhene Dario hyɛɛ , wɔnkɔfa Daniel, na wɔnto no ntwene agyata amena no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no , "Daniel, wo Onyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo."

17 Wɔde boɔ bɛhinii amena no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔano ne atitire nsɔano sosɔɔ ɛboɔ no sɛdeɛ obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee. 18 Afei, ɔhene no sane kɔɔ nʼahemfie a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyedeɛ biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa.

19 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. 20 Ɔduruu no, ɔde awerɛhoɔ frɛɛ , "Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ ɔsomfoɔ. Wo Onyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo firii agyata no mu?"

21 Daniel teaam , "Nana wo nkwa so! 22 Me Onyankopɔn somaa ne ɔbɔfoɔ bɛkataa agyata no ano, sɛdeɛ wɔrentumi nyɛ me bɔne, ɛfiri , wahunu , medi bem nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara." 23 Ɔhene no ani gyee mmorosoɔ, na ɔhyɛɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu, enti woyii no. Wɔanhunu etwã biara ne ho, ɛfiri , ɔde ne ho too ne Onyankopɔn so. 24 Afei, ɔhene no hyɛɛ , wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatosoɔ so ma wɔde Daniel kɔtoo agyata amena mu no. Ɔmaa wɔtoo wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu agyata amena no mu. Agyata no hurihuri sisii wɔn so, tetee wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔreduru amena no ase.

25 Afei, Ɔhene Dario too nkra yi kɔmaa nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara ewiase afanan nyinaa :

"Ɛnsi mo yie mmoroso!

26 "Mehyɛ mmara , ɛsɛ obiara a ɔwɔ mʼahemman mu suro, fɛre na ɔde anidie ma Daniel Onyankopɔn.

"Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefoɔ Onyankopɔn

na ɔwɔ daa.

"Nʼahennie rensɛe da biara da.

Na ne tumi to rentwa da.

27 "Ɔyɛ amanehunu mu gyefoɔ na ɔgye nkwa nso;

ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ,

ɔsoro ne asase so.

"Ɔno na wagye Daniel

afiri agyata no nsam."

28 Enti, Daniel kɔɔ so dii yie Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmerɛ so.

Veja também