Publicidade

Daniel 8

Odwenini Ne Ɔpapo Ho Anisoadehunu

1 Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi. 2 Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho. 3 Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa. 4 Mehwɛɛ odwennini no ɔrepempem atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni a ɔbɛtumi agye obi foforɔ afiri ne nsa mu. Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔyɛɛ kɛseɛ.

5 Ɛberɛ a megu so redwene yie ho no, prɛko , ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛseɛ bi a ɛtua nʼani mmienu no ntam pue firii atɔeɛ fam, twaam faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam. 6 Ɔde nʼani kyerɛɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no a mehunuu na ɔgyina nsuka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ no so. 7 Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu. 8 Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so.

9 Abɛn foforɔ bi pueeɛ mmɛn akɛseɛ no mu baako ho. Ɛhyɛɛ aseɛ kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ anafoɔ ne apueeɛ fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so. 10 Ɛnyiniiɛ ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotoo asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma bɛguguu fam, tiatiaa wɔn so. 11 Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho kɛseɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ɔgyee daa daa afɔdeɛ firii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea . 12 Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ.

13 Afei, metee ɔkronkronni bi ɔrekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa no , "Ɛberɛ bɛn na anisoadehunu yi bɛba mudeɛ ɛfa daa daa afɔdeɛ, atuateɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba, kronkron tenabea a wɔbɛgyaa mu ama, ne Awurade asafo a wɔbɛtiatia wɔn so no?"

14 Ɔbuaa no , "Ɛbɛdi anwummerɛ ne anɔpa 2,300, ansa na wɔasane ate kronkron tenabea no ho."

Anisoadehunu No Nkyerɛaseɛ

15 Ɛberɛ a me Daniel, merehwɛ anisoadehunu na mepɛɛ mete aseɛ no, obi a ɔte ɔbarima bɛgyinaa mʼanim. 16 Na metee onipa nne a ɛrefrɛ firi Ulai mu , "Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehunu no ase."

17 Ɔrebɛn baabi a na megyina no, mesuroeɛ, na mede mʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ me , "Onipa ba, te aseɛ anisoadehunu no fa awieɛberɛ no ho."

18 Ɛberɛ a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. Na ɔsɔɔ me mu de me gyinaa me nan so.

19 Ɔkaa , "Merebɛka deɛ ɛbɛsi akyire no abufuberɛ mu akyerɛ wo, ɛfiri anisoadehunu no fa awieeɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no ho. 20 Odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina ma Media ne Persia ahemfo no. 21 Ɔpapo niɛdenfoɔ no Helahene, na abɛn kɛseɛ a ɛtua nʼani ntam no ɔhene a ɔdi ɛkan no. 22 Mmɛn ɛnan a ɛbɛsii abɛn a ɛbubuu no anan mu no gyina ma ahennie ɛnan a ɛbɛsɔre afiri ne ɔman no mu, nanso wɔn tumidie renyɛ .

23 "Wɔn adedie no rekɔ awieeɛ no, ɛberɛ a atuatefoɔ no ayɛ atirimuɔden mmorosoɔ no, ɔhene a ɔyɛ den, na ɔdi kontonkyisɛm bɛsɔre. 24 Ɔbɛyɛ den yie a ɛmfiri nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe adeɛ ama nnipa ho adwiri wɔn, na ɔbɛdi nkonim biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ. 25 Ɔbɛma nnaadaa agye ntini, na ɔbɛyɛ ahomasoɔ. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkaeɛ, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a ɛmfiri onipa ahoɔden mu.

26 "Anwummerɛ ne anɔpa anisoadehunu a wɔde ama wo no nokorɛ, nanso, ano, ɛfiri ɛfa daakye bi a ɛnnya mmaeɛ ho."

27 Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛ, na meyaree nna kakra. Akyire yi, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehunu no yɛɛ me ahodwirie; na ɛboro nteaseɛ so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-