Publicidade

Eclesiastes 1

Biribiara Adehuhuo

1 Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene Yerusalem seɛ:

2 "Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!"

Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.

"Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ

Biribiara ahuhudeɛ."

3 Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu?

Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho no awia so no?

4 Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ,

nanso asase tim daa.

5 Owia pue na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm deɛ ɛpue firiiɛ .

6 Mframa anafoɔ fam

na ɛdane hwɛ atifi fam;

ɛkyinkyini baabiara

na ɛsane fa ne kwan so.

7 Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu,

nanso ɛpo nyɛ ma da.

Baabi a nsubɔntene no firie no

ɛhɔ na wɔsane bio.

8 Biribiara ɔbrɛ

a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ.

Ani nhwɛ adeɛ nwie da

na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.

9 Deɛ aba no bɛba bio,

deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;

adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase.

10 Biribi a wɔbɛtumi aka ho :

"Hwɛ! Yei ade foforɔ" anaa?

Ɛwɔ dada firi tete nteredee;

ɛwɔ ansa na wɔwoo yɛn.

11 Wɔnnkae tetefoɔ no,

na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso

wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no

renkae wɔn.

Nimdeɛ Ahuhudeɛ

12 Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene Yerusalem. 13 Metuu me ho sii mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi! 14 Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte deɛ obi de mmirika taa mframa.

15 Deɛ akyea no, wɔntumi ntene;

na deɛ ɛnni no, wɔntumi nkan.

16 Mekaa me ho , "Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu." 17 Afei, meyɛɛ mʼadwene mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu yei nso te deɛ obi di mmirika taa mframa.

18 Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba;

nyansa bebree de ahohiahia bebree ba.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-