Publicidade

Eclesiastes 10

1 Sɛdeɛ nwansena funu ma aduhwam yi nka bɔne no,

saa ara na nkwaseasɛm kakra boro nimdeɛ ne animuonyam so.

2 Onyansafoɔ akoma kom nifa,

nanso ɔkwasea akoma benkum.

3 Mpo ɔkwasea nam ɛkwan so a

wɔhunu ɔnnim nyansa

na ɔma obiara hunu wagyimi.

4 sodifoɔ bo fu wo a,

nnya wʼadwuma nto ;

na ntoboaseɛ dwodwo mfomsoɔ kɛseɛ ano.

5 Bɔne bi a mahunu owia yi ase.

Ɛyɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri sodifoɔ:

6 Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn,

na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam.

7 Mahunu nkoa wɔtete apɔnkɔ so,

na mmapɔmma nam fam nkoa.

8 Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu;

na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.

9 Obiara a ɔpae aboɔ no, aboɔ no bɛtumi apira no;

na deɛ ɔpae nnua no bɛtumi anya mu akwanhyia.

10 abonnua ano akum

na wɔanse ano a,

ɛbɛhia ahoɔden bebree

nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdie bɛba.

11 ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwodwo no a

deɛ ɔdwodwo ɔwɔ no rennya ho mfasoɔ biara.

12 Onyansafoɔ anom nsɛm nyam,

nanso ɔkwasea ano fafa de no asɛeɛ mu.

13 Ahyɛaseɛ no, ne nsɛm nkwaseasɛm;

na ɛkɔwie abɔdamsɛm bɔne,

14 na ɔkwasea woro nsɛm.

Obiara nnim deɛ ɛreba,

hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi nʼakyi akyerɛ no?

15 Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ;

na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom.

16 Nnome nka wo, asase a na wo ɔhene akwa

na wo mmapɔmma to ɛpono anɔpa.

17 Nhyira nka wo, asase a wo ɔhene ɔdehyeɛ

na wo mmapɔmma didi ɛberɛ a ɛfata

de ahoɔden, na ɛnyɛ nsãborɔ.

18 obi akwadworɔ a, ne mpunan mmerɛ;

ne nsa nka hwee a, ne fie nwunu.

19 Wɔto ɛpono ma sereɛ,

na nsã ma onipa ahosɛpɛ,

nanso sika na ɛyɛ biribiara safoa.

20 Wʼadwene mu mpo, nkasa ntia ɔhene,

na wowɔ piam nso a, nnome osikani,

ɛfiri anomaa a ɔnam ewiem de wʼasɛm bɛkɔ,

na anomaa a otuo bɛkɔ akɔka.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-