Publicidade

Eclesiastes 2

Anigyeɛ Ne Adwuma Adehuhuo

1 Mekaa mʼakomam , "Afei bra, mede anigyeɛ bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahunu deɛ ɛyɛ." Nanso, ankɔsi hwee. 2 Mekaa , "Ɔsereɛ nkwaseadeɛ. Na ɛdeɛn na anigyeɛ tumi ?" 3 Mepɛɛ mehunu deɛ ɛyɛ pa ara ma yɛn ɛberɛ tiawa a yɛwɔ asase yi so. Enti meyɛɛ mʼadwene mede nsã bɛsɛpɛ me ho na mahwehwɛ, ahunu nkwaseasɛm asekyerɛ, a mʼankasa deɛ, mennyɛ ɔkwasea.

4 Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛseɛ ase; mesisii adan yɛɛ bobe nturo. 5 Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na meduaduaa nnuaba ahodoɔ bebree mu. 6 Mesisii nsukoraeɛ a mɛtwe nsuo afiri mu, de agugu nnua a ɛrenyini no so. 7 Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na menyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn me fie. Afei nso menyaa anantwie ne nnwan bebree sene obiara a wadi mʼanim Yerusalem. 8 Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyegyee ahemfo ne amantam no ademudeɛ kaa ho. Mefaa mmarima ne mmaa nnwomtofoɔ, pɛɛ mmaa atenaeɛ nso; deɛ ɛyɛ ɔbarima akoma anigyedeɛ biara. 9 Megyee edin sene obiara a wadi mʼanim Yerusalem. Yeinom nyinaa mu no, me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.

10 Deɛ mʼani hwehwɛeɛ biara, mamfa ankame no;

mansi mʼakoma anigyeɛ ho ɛkwan.

Mʼakoma ani gyee me nnwuma nyinaa ho,

na yei mʼadwumayɛ so akatua.

11 Nanso mehwɛ deɛ me nsa ayɛ nyinaa

ne deɛ mabrɛ anya a,

ne nyinaa nka hwee, ɛte deɛ wɔtu mmirika taa mframa.

Mannya mfasoɔ biara owia yi ase.

Nimdeɛ Ne Nkwaseadeɛ Ade Huhuo

12 Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ,

abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm so.

Ɛdeɛn bio na deɛ wɔadi ɔhene adeɛ bɛtumi ayɛ

asene deɛ wɔayɛ dada no?

13 Mehunuu , nimdeɛ sene nkwaseasɛm,

sɛdeɛ hann sene esum no.

14 Onyansafoɔ ani ne tirim,

na ɔkwasea deɛ, ɔnante esum mu;

nanso mehunuu

wɔn nyinaa hyɛberɛ .

15 Afei mesusuu mʼakomam ,

"Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso.

Enti mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?"

Mekaa mʼakomam ,

"Yei nso nka hwee."

16 Te ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa;

nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.

Te ɔkwasea no, onyansafoɔ nso bɛwu!

Adwumayɛ Nka Hwee

17 Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa ahuhudeɛ, te deɛ wɔtu mmirika taa mframa. 18 Mekyirii deɛ mayɛ adwuma apɛ nyinaa owia yi ase, ɛfiri , ɛsɛ megya ma deɛ ɔbɛdi mʼadeɛ. 19 Na hwan na ɔnim onipa ko no bɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso deɛ mabiri me mogya ani apɛ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Yei nso ahuhudeɛ. 20 Enti mepaa aba owia yi ase adwumaden ho. 21 Na onipa bɛfiri ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛdeɛ, na afei ɛsɛ ogya nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Yei nso ahuhudeɛ, na ɛha adwene. 22 Ɛdeɛn na onipa nya firi ne brɛ ne dadwene a ɔde adwuma owia yi ase mu? 23 Ne nkwa nna nyinaa, nʼadwumayɛ ɔyea ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene adwuma. Yei nso ahuhudeɛ.

24 Biribiara nsene onipa bɛdidi na wanom na wanya ahomeka adwumayɛ mu. Yei nso mehunuu ɛfiri Onyankopɔn, 25 ɛfiri ɛnyɛ ɔno a, anka hwan na ɔbɛtumi adidi anaasɛ ɔbɛnya ahomeka? 26 Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigyeɛ, nanso omumuyɛfoɔ deɛ, ɔma ɔboaboa ahonyadeɛ ano ma deɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Yei nso ahuhudeɛ, sɛdeɛ wɔde mmirikatuo taa mframa.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-