Publicidade

Eclesiastes 9

Hyɛberɛ A Ɛwɔ Ma Yɛn Nyinaa

1 Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. 2 Wɔn nyinaa hyɛberɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ.

Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no,

saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ;

sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,

saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro wɔbɛka ntam.

3 Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne , bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho. 4 Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase sene gyata a wawuo.

5 Na ateasefoɔ nim wɔbɛwu,

nanso awufoɔ nnim hwee;

wɔnni akatua biara bio,

na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera.

6 Wɔn , ɔtan

ne ninkunu atu ayera dada;

wɔnni hwee

biribiara a ɛsi owia yi ase mu.

7 Enti , fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so. 8 Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim. 9 Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo noɔ no, nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri ɛyɛ mo kyɛfa mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden owia yi ase. 10 Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa , ɛfiri damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni .

11 Mehunuu biribi foforɔ owia yi ase:

Mmirikakansie nni mma deɛ ne ho herɛ

anaasɛ ɔko nni mma ɔhoɔdenfoɔ,

aduane mma onyansafoɔ nkyɛn

anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ

na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn;

nanso berɛ ne akwannya ma wɔn nyinaa.

12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso:

Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa,

ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no

saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa

ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.

Nimdeɛ Sene Nkwaseasɛm

13 Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie: 14 Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi a emu nnipa kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no. 15 Na ohiani bi a ɔnim nyansa kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii . Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16 Enti mekaa , "Nimdeɛ sene ahoɔden." Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.

17 Ɛsɛ wɔtie onyansafoɔ nsɛm a ɔka no brɛoo no

na ɛnyɛ nkwaseafoɔ sodifoɔ nteateam.

18 Nimdeɛ sene akodeɛ,

nanso ɔdebɔneyɛfoɔ baako sɛe nnepa bebree.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-