Publicidade

Efésios 3

Paulo, Amanamanmufoɔ Ɔsɛmpakafoɔ

1 Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani.

2 Nokorɛm, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm, 3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyie so de ama sɛdeɛ matwerɛ no tiawa dada no. 4 Na mokenkan yei a, ɛnneɛ mobɛte nhunumu a me Kristo ahintasɛm ho no ase, 5 deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no. 6 Saa ahintasɛm yi kyerɛ amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ bom adedifoɔ, wɔbom onipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.

7 Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ. 8 Ɛwom me ne aketewa pa ara Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufoɔ, 9 na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu mfeɛ bebree a atwam no mu. 10 Nʼatirimpɔ ne afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu no adi akyerɛ ewiem mpaninnie ne atumfoɔ, 11 sɛdeɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botaeɛ a ɛwɔ daa no. 12 Afei Kristo ma yɛn akokoɔduru ne ahotosoɔ a ɛma yɛnya gyidie ba Onyankopɔn anim. 13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu amane a mehunu ma mo no ho. Ɛyɛ mo animuonyamhyɛ.

Wɔbɔ Mpaeɛ Ma Efesofoɔ

14 Yei enti, mebu nkotodwe Agya no anim, 15 ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so. 16 Mebɔ mpaeɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidie so abɛtena mo akoma mu. moagye nhini na moatim ɔdɔ mu no, mebɔ mpaeɛ 18 mo ne ahotefoɔ nyinaa bɛnya tumi, na moate Kristo no trɛ, ne tentene, ne korɔn ne emu no ase, 19 na moahunu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.

20 Animuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi adwuma yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so deɛ yɛbisa anaa deɛ yɛsusu ma ɛboro so. 21 Animuonyam nka Onyankopɔn asafo no ne Kristo Yesu mu mfiri ɛnnɛ nkɔsi daapem. Amen.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-