Publicidade

Efésios 5

1 Esiane moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no 2 na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too maa yɛn afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no.

3 Nanso ɛnsɛ wɔte adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ ho asɛm mo mu, ɛfiri yeinom mfata Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron. 4 Saa ara nso na ɛmfata moka kasa efi, ahuhusɛm anaa moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase. 5 Monnya nteaseɛ , obiara a ɔbɔ adwaman na ɔyɛ afideɛ, na ɔyɛ oniberefoɔ (anibereɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara Kristo ne Onyankopɔn Ahennie no mu bi. 6 Mommma obiara mfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri , saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no. 7 Enti, mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara.

8 Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann Awurade mu. Ne saa enti montena ase hann mma. 9 Ɛfiri , hann no ma moyɛ papa, teneneefoɔ ne nokwafoɔ, 10 na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. 11 Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ esum mu ho, na mompa ho ntoma. 12 Ɛyɛ aniwu wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfoɔ no esum mu no so. 13 Nanso hann no wɔn so a, yɛbɛhunu nnebɔne biara a wɔyɛ. 14 Ɛfiri , hann da biribiara adi. Enti na wɔaka ,

"Nyane, wo a woada,

na sɔre firi awufoɔ mu,

na Kristo bɛhyerɛn wo so."

15 Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom wɔn a wɔnim nyansa. 16 Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri , nna yi nna bɔne. 17 Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase. 18 Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19 Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no akoma mu, 20 na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara biribiara ho yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.

21 Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.

Ɔyerenom Ne Okununom

22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23 ɛfiri okunu ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no Kristo onipadua. 24 Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase biribiara mu ma wɔn kununom.

25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too maa no, 26 na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron, 27 de maa ne ho asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ. 28 Saa ara na ɛsɛ mmarima wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no nʼankasa ne ho. 29 Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo asafo no, 30 na yɛn nso yɛyɛ ne onipadua no ho akwaa. 31 "Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako." 32 Yei ahintasɛm a emu , nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33 Enti, ɛsɛ okunu biara ne yere nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-