35 Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua.
36 Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no. 37 Ɛfiri sɛ,
Atwerɛsɛm no ka sɛ, "Ɛrenkyɛre koraa
na deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba;
ɔrentwentwɛn.
38 Na,
"Deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa,
na sɛ ɔtwe ne ho a,
me kra ani rensɔ no."
39 Yɛnnyɛ nnipa a yɛsane yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa.