Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebrifoɔ 12

Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn

5 Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo ne mma no ,

"Me ba, Awurade tene wo so a, tie no yie,

na ɔka wʼanim a, mpa aba.

6 Ɛfiri , obiara a Awurade nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no."

7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no Agya no ntenesoɔ, ɛfiri , mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so ne mma. Ɔba bi a nʼagya ntene ne so da? 8 wantene mo so ne mma no bi a, na ɛkyerɛ monnyɛ ne mma kann. 9 yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase? 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte. 11 wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ ho saa ɛberɛ no mu, na yɛn ani nnye. Na akyire no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, wɔnya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu.

Veja também