Publicidade

Hebreus 3

Akristofoɔ Onyankopɔn Efie

1 Me nuanom Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin gyidie a yɛka ho asɛm no ho. 2 Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ Onyankopɔn fie no. 3 Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene efie no ankasa. 4 Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. 5 Mose dii Onyankopɔn nokorɛ ɔsomfoɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. 6 Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. yɛma yɛn bo duru na yɛwɔ gyidie yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ.

7 Enti Honhom Kronkron no ka ,

"ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,

8 monnyɛ asoɔden

te deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;

sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.

9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ,

nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu.

10 Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa ,

Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,

na wɔanhunu mʼakwan.

11 Ɛno enti mekaa ntam mʼabufuo mu ,

Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’ "

12 Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho. 13 Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm "Ɛnnɛ" a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no. 14 Na yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ. 15 Atwerɛsɛm no ka ,

"ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,

monnyɛ asoɔden

te deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no."

16 Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa. 17 Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu ɛserɛ so no. 18 Ɛberɛ a Onyankopɔn kaa ntam , "Wɔremma me home mu da" no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. 19 Afei, yɛhunu wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri , wɔannye anni.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-