Publicidade

Joel 2

Ntutummɛ Dɔm

1 Hyɛn totorobɛnto no Sion;

hyɛn abɛn no me bepɔ kronkron no so.

Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,

ɛfiri Awurade ɛda no reba,

na abɛn koraa.

2 Esum ne kusukuukuu ɛda.

Omununkum ne esum kabii ɛda.

Sɛdeɛ adekyeeɛ hann trɛtrɛ mmepɔ so no,

saa ara na asraadɔm a dɔɔso na wɔyɛ den ba no teɛ.

Wɔnhunuu wɔn sɛso bi da,

na wɔrenhunu ne sɛso nso da.

3 Egya rehye wɔn anim,

ogyaframa dɛre wɔn akyi,

asase a ɛda wɔn anim no te Eden turo,

deɛ ɛda wɔn akyi no te anweatam,

biribiara nni a ɛpa wɔn ani so.

4 Wɔte apɔnkɔ.

Wɔhurihuri te apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm.

5 Wɔyɛ gyegyeegye te nteaseɛnam

na wɔtu fa mmepɔ atifi,

wɔte ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ,

wɔte asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

6 Aman ani wɔn so a, ehu wɔn;

na wɔn anim to hoa.

7 Wɔko wɔn anim te akofoɔ;

wɔforo afasuo te asraafoɔ

na wɔn nyinaa wɔn anim tee,

na wɔmmane benkum anaa nifa.

8 Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu;

obiara nante nʼanim tee.

Wɔbu fa banbɔeɛ so,

na wɔpem wɔn anim ara.

9 Wɔto hyɛ kuropɔn no so

wɔtu mmirika fa afasuo no so

wɔforo afie mu,

wɔfa mpoma mu te akorɔmfoɔ.

10 Asase woso wɔn anim,

na ɔsoro hinhim.

Owia ne ɔsrane duru sum,

na nsoromma nnhyerɛn bio.

11 Awurade bobom

de di nʼasraadɔm no anim.

Nʼakodɔm no dɔɔso bebree,

ahoɔdenfoɔ ne wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so.

Awurade ɛda no kɛseɛ na ɛyɛ hu;

hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

Ahonu

12 "Na afei," sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

"Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn,

akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu."

13 Sunsuane wʼakoma

na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu.

Sane bra Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn,

ɛfiri , ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam .

Ne bo kyɛre fu na ne boro so,

na ɛnnyɛ no anigye ɔtwe yɛn aso.

14 Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ

na wagya nhyira,

a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ

a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no.

15 Hyɛn totorobɛnto Sion!

Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro,

momfrɛ nhyiamu kronkron.

16 Mommoaboa nnipa no ano

monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;

mommoaboa mpanimfoɔ,

mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano

Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra.

17 Asɔfoɔ a wɔsom Awurade anim no,

nsu afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam;

na wɔn nka , "Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn.

Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ

anaa fɛdideɛ aman no mu.

Adɛn enti na ɛsɛ wobisa nnipa no mu ,

Wɔn Onyame no he?’ "

Awurade Mmuaeɛ

18 Na Awurade bɛtwe ninkunu nʼasase ho

na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ.

19 Awurade bɛbua ,

"Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo,

a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn.

Merenyɛ mo ahohoradeɛ

mma aman no bio.

20 "Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,

mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ.

Adonten dɔm no bɛmem apueeɛ ɛpo no mu,

na kyidɔm no bɛmem Mfimfini Po no mu.

Na afunu no bɛbɔn

na nka no bɛtu."

Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ.

21 Monnsuro, me nkurɔfoɔ!

Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho.

Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ.

22 Monnsuro, mo wiram mmoa!

Ɛfiri ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm.

Nnua no reso wɔn aba;

borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba.

23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma,

Mo nni ahurisi Awurade mo Onyankopɔn mu,

ɛfiri watɔ nsuo ama mo,

ne nokorɛdie enti.

Watɔ nsuo bebree ama mo

ne berɛ mu te kane no.

24 Aduane bɛyɛ ayuporobea ma

nsã foforɔ ne ngo bɛbu so kyi amena mu.

25 "Mɛhyɛ mo anan mu,

deɛ mohwereeɛ

mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma,

ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa,

ne wɔn a aka no nyinaa,

me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.

26 Wobɛdidi amee,

na wobɛyi Awurade wo Onyankopɔn din ayɛ.

Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo;

me nkurɔfoɔ ani renwu bio.

27 Afei, wobɛhunu , mewɔ Israel,

wobɛhunu mene Awurade, wo Onyankopɔn,

na obiara nni me;

Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da."

Awurade Ɛda

28 "Na akyire yi,

mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so,

mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,

mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ,

mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu.

29 Saa mmerɛ no mu no,

mɛhwie me Honhom agu

mʼasomfoɔ so, mmarima ne mmaa.

30 Mɛyɛ anwanwadeɛ ɔsoro ne asase so,

mede mogya, ogya ne wisie kumɔnn.

31 Ansa na Awurade ɛda kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ mogya.

32 Na obiara a ɔbɔ Awurade din no,

wɔbɛgye no nkwa.

Ɛfiri nkwagyeɛ bɛba

ama wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu

a Awurade afrɛ wɔn

Sion bepɔ so ne Yerusalem nyinaa,"

sɛdeɛ Awurade aka no.

Veja também

Publicidade
Joel
Ver todos os capítulos de Joel
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-