Publicidade

João 1

Hann A Ɛwɔ Sum Mu

1 Ansa na wɔrebɛbɔ ewiase no, na Asɛm no dada. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ . Na Asɛm no Onyankopɔn. 2 Ahyɛaseɛ no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ . 3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. 4 Ne mu na nkwa ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann. 5 Hann no hyerɛn esum mu a esum no ntumi nni hann no so.

6 Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. 7 Ɔbɛdii hann no ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi. 8 Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.

9 Saa hann yi ne nokorɛ hann a ɛba ewiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no. 10 Saa ɛberɛ no, na Asɛm no ewiase. Ɛwom Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase deɛ, nanso ɔbaa ewiase no, ewiase anhunu no. 11 Ɔbaa nʼankasa ne ɔman mu, nanso ne manfoɔ annye no anto mu. 12 Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma 13 honhom fam, a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa.

14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma.

15 Yohane kaa ne ho asɛm , "Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm , Deɛ ɔdi mʼakyi reba no kɛse sene me, ɛfiri , ɔwɔ ansa na wɔwoo me no.’ " 16 Ɔfiri ne mmɔborɔhunu a ɛtoɔ ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa. 17 Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yɛnyaa adom ne nokorɛ. 18 Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.

Yohane Adansedie

19 Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no , "Wone Agyenkwa no anaa?" 20 Yohane antwentwɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko , "Ɛnyɛ mene Agyenkwa no."

21 Wɔbisaa no , "Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?"

Ɔbuaa wɔn , "Dabi."

Wɔbisaa no bio , "Wone Odiyifoɔ no?"

Ɔsane buaa wɔn , "Dabi".

22 Wɔsane bisaa no , "Ɛnneɛ, na wone hwan? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amaneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?"

23 Yohane buaa wɔn , "Mene nne a ɛfiri ɛserɛ so a ɛreteam, sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ nkɔm , Monsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no no.’ "

24 Afei, wɔn a Farisifoɔ no somaa wɔn no bisaa Yohane bio , 25 "ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, adɛn enti na wobɔ asu?"

26 Yohane nso buaa , "Me deɛ, nsuo na mede asu, nanso obi mo mfimfini ha a monnim no, 27 a ne mpaboa mpo memfata meworɔ; ɔno na ɔbɛdi mʼakyi aba."

28 Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.

Yesu, Onyankopɔn Dwammaa No

29 Adeɛ kyeeɛ a Yohane hunuu Yesu ɔreba ne nkyɛn no, ɔteaam kaa , "hwɛ, Onyankopɔn Dwammaa a ɔyi ewiase bɔne korɔ no! 30 Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm , Deɛ ɔdi mʼakyi reba no kɛse sene me, ɛfiri , na ɔwɔ ansa na mereba.31 Me deɛ, na mennim no, nanso mede nsuo bɛbɔɔ asu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel."

32 Na Yohane dii adanseɛ , "Mehunuu Honhom no asiane aba ne so aborɔnoma a ɔresiane firi soro. 33 Na anka mennim no, nanso ɛberɛ a Onyankopɔn somaa me memfa nsuo mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me , Onipa a wobɛhunu Honhom no bɛsiane aba ne so no, ɔno ne deɛ worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.34 Mahunu yeinom nyinaa aba mu na medi ho adanseɛ yei ne Onyankopɔn Ba no."

Yesu Asuafoɔ A Wɔdi Kan

35 Adeɛ kyeeɛ a Yohane ne nʼasuafoɔ no mu baanu gyina baabi no, wɔhunuu Yesu retwam. 36 Yohane hwɛɛ no, kaa , "Yei ne Onyankopɔn Dwammaa no!"

37 Asuafoɔ baanu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi. 38 Yesu twaa nʼani hunu wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn , "Ɛdeɛn na morehwehwɛ?"

Wɔn nso bisaa no , "Rabi" (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ), "ɛhe na wote?"

39 Ɔbuaa wɔn , "Mommra mmɛhwɛ."

Enti, wɔne no kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa firi awia nnɔnnan kɔsii anwummerɛ.

40 Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no enti ɛmaa wɔkɔdii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea. 41 Adeɛ a ɛdi ɛkan a Andrea yɛeɛ ne , ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no , "Yɛahunu Mesia no." 42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn.

Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no , "Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa." Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no.

Yesu Frɛ Filipo Ne Natanael

43 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu yɛɛ nʼadwene ɔbɛkɔ Galilea. Ɔhunuu Filipo ka kyerɛɛ no , "Di mʼakyi."

44 Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi. 45 Filipo firi kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba."

46 Natanael bisaa Filipo , "Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?"

Filipo nso ka kyerɛɛ no , "Bra na bɛhwɛ."

47 Ɛberɛ a Yesu hunuu Natanael ɔreba no, ɔkaa , "Israelni nokwafoɔ ni ampa."

48 Natanael bisaa Yesu , "Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?"

Yesu nso buaa no , "Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo."

49 Natanael kaa , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!"

50 Yesu bisaa no , "Esiane meka kyerɛɛ wo mehunuu wo borɔdɔma dua no ase enti na wogye di anaa? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom. 51 Mereka nokorɛ akyerɛ mo , mobɛhunu ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-