Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 4

Ɔsoro Pono A Wɔabue

1 Yei akyiri no, mehwɛ mehunuu ɛpono a abue ɔsoro. Na ɛnne bi akasa akyerɛ me pɛn na ɛgyegye totorobɛnto kaa , "Bra ɔsoro ha, na mɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba yei akyi." 2 Prɛko , na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si ɔsoro a obi te so. 3 Na nʼanim hyerɛn te ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia. 4 Na ahennwa nketewa aduonu nan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu ɛnan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ. 5 Na anyinam ne aprannaa bobom firi ahennwa no mu. Na nkanea nson a wɔasosɔ redɛre ahennwa no anim. Yeinom Onyankopɔn ahonhom nson. 6 Na biribi te ahwehwɛ ɛpo a ɛyɛ korɔgyenn ahwehwɛ da ahennwa no anim.

Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia. 7 Na ɔteasefoɔ a ɔdi ɛkan no te gyata; deɛ ɔtɔ so mmienu no te nantwie ba; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te onipa; ɛnna deɛ ɔtɔ so nan no te ɔkɔdeɛ a ɔretu. 8 Na ateasefoɔ baanan no mu biara ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom ,

"Kronkron, Kronkron

ne Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ a

ɔtenaa na ɔwɔ na ɔrebɛba no."

9 Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. wɔyɛ saa a, 10 mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka :

11 "Yɛn Awurade ne Onyankopɔn,

wofata wonya animuonyam, anidie ne tumi,

ɛfiri , wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,

na wo mu enti na wɔte ."

Veja também