Yesu Kɔ Yerusalem
12 Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ,
"Hosiana!"
"Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!"
"Nhyira nka Israelhene!"
14 Yesu rekɔ no, na ɔte afunumu ba bi so sɛdeɛ Atwerɛsɛm hyɛɛ ho nkɔm sɛ,
15 "Nsuro, Ɔbabaa Sion!
Hwɛ sɛ wo ɔhene te afunumu ba so
reba wo nkyɛn."
16 Ahyɛaseɛ no, asuafoɔ no ante yeinom nyinaa ase kɔsii sɛ wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Atwerɛsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dada, na ɛno ara ne deɛ wɔayɛ no.
17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhunu sɛ Yesu nyanee Lasaro firii awufoɔ mu no kaa asɛm a ɛsii no kyerɛɛ afoforɔ. 18 Yei enti na nnipa bebree kɔeɛ sɛ wɔrekɔhyia Yesu ɛkwan no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wayɛ anwanwadeɛ. 19 Farisifoɔ no hunuu deɛ ɛrekɔ so no, wɔkaa sɛ, "Anyɛ yie! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!"