Publicidade

João 12

Wɔsra Yesu Ngo Betania

1 Aka nna nsia na Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu kɔɔ Betania, kuro a na Lasaro a Yesu nyanee no firi awufoɔ mu no te mu no mu. 2 Wɔtoo Yesu ɛpono. Marta na ɔsomee saa apontoɔ yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ ɛpono no ho. 3 Wɔredidi no, Maria faa ngohwam bi a ne boɔ den bɛhwie guu Yesu nan ase de ne tirinwi pepaeɛ. Ngo no hwa gyee efie nyinaa.

4 Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako a akyire no ɔbɛyi Yesu ama no ani annye deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no ho, 5 enti ɔkaa , "Adɛn enti na wantɔn saa ngohwam yi na yɛamfa sika no amma ahiafoɔ?" 6 Ɛnyɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi.

7 Yesu kaa , "Monnyaa ɔbaa yi haw! Deɛ ɔbaa yi ayɛ yi, ɔde resiesie me ama me wuo. 8 Mo ne ahiafoɔ na ɛwɔ ɛberɛ biara, na me deɛ, me ne mo rentena daa."

9 Ɛberɛ a Yudafoɔ no tee Yesu Betania no, wɔn mu pii kɔɔ . Ɛnyɛ Yesu nko enti na wɔkɔɔ , na mmom, wɔkɔɔ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyanee no firii awufoɔ mu no nso. 10 Afei, asɔfoɔ mpanin no bɔɔ wɔbɛkum Lasaro nso, 11 ɛfiri , ɛsiane Lasaro wusɔreɛ no enti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afiri Yudafoɔ mpanin no ho abɛdi Yesu akyi.

Yesu Yerusalem

12 Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee Yesu reba Yerusalem no, 13 wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam ,

"Hosiana!"

"Nhyira nka deɛ ɔreba Awurade din mu no!"

"Nhyira nka Israelhene!"

14 Yesu rekɔ no, na ɔte afunumu ba bi so sɛdeɛ Atwerɛsɛm hyɛɛ ho nkɔm ,

15 "Nsuro, Ɔbabaa Sion!

Hwɛ wo ɔhene te afunumu ba so

reba wo nkyɛn."

16 Ahyɛaseɛ no, asuafoɔ no ante yeinom nyinaa ase kɔsii wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no ansa na wɔrekae , Atwerɛsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dada, na ɛno ara ne deɛ wɔayɛ no.

17 Nnipa a na wɔwɔ a wɔhunu Yesu nyanee Lasaro firii awufoɔ mu no kaa asɛm a ɛsii no kyerɛɛ afoforɔ. 18 Yei enti na nnipa bebree kɔeɛ wɔrekɔhyia Yesu ɛkwan no, ɛfiri , na wɔate wayɛ anwanwadeɛ. 19 Farisifoɔ no hunuu deɛ ɛrekɔ so no, wɔkaa , "Anyɛ yie! Monhwɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!"

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ho Nkɔm

20 Afahyɛberɛ no mu no, Helafoɔ bi nso kɔɔ Yerusalem wɔrekɔsom. 21 Wɔkɔɔ Filipo a ɔfiri Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Owura, yɛpɛ yɛhunu Yesu." 22 Filipo kɔbɔɔ Andrea amaneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.

23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Ɛberɛ no aso wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam. 24 Mereka nokorɛ akyerɛ mo , wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔ na amfifiri a, ɛda so burofua no ara, nanso ɛporɔ na ɛfifiri a, ɛso aba pii. 25 Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 26 Obiara a ɔpɛ ɔsom me no, ɛsɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ mʼasomfoɔ nso bi."

27 Yesu kaa , "Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka , Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase memmɛhunu amane. 28 Agya, hyɛ wo din animuonyam!"

Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa , "Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio." 29 Nnipakuo a na wɔwɔ no tee nne no, wɔkaa aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kaa , ɔsoro ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no.

30 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mo enti na saa nne yi kasaeɛ na ɛnyɛ me enti. 31 Afei, ɛberɛ aduru wɔbu ewiase atɛn na wɔtu ɔbonsam a ɔdi ewiase so no gu. 32 wɔnya ma me so firi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn." 33 Ɔkaa yei de kyerɛɛ owuo ko a ɔbɛwu no.

34 Nnipa no kaa , "Atwerɛsɛm no di adanseɛ , Agyenkwa no renwu da. Adɛn enti na wɔka kyerɛ yɛn , ɛsɛ wɔma Onipa Ba no so? Hwan ne saa Onipa Ba no?"

35 Yesu buaa wɔn , "Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmerɛ tiawa bi mu. Ɛno enti, monnante mu ɛberɛ a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ mokɔ, ansa na esum aduru; anyɛ saa a morenhunu kwan. 36 Ɛberɛ a mowɔ hann mu yi, monnye hann no nni na moayɛ hann no mma." Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔfirii de ne ho kɔhintaeɛ.

Yudafoɔ Gu So Gye Akyinnyeɛ

37 Ɛwom na Yesu ayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ ama Yudafoɔ no ahunu deɛ, nanso na wɔnnye no nni ara. 38 Yei ne Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaa ,

"Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?

Na hwan nso na ɔbɛgye wʼanwanwadwuma no adi adansedie?"

39 Yudafoɔ no annye anni ɛfiri , na Odiyifoɔ Yesaia asane aka ,

40 "Onyankopɔn afira wɔn ani,

na wapirim wɔn akoma,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnane

mma me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ."

41 Yesaia kaa yei faa Yesu animuonyam a daakye ɔbɛnya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.

42 Mpo, na Yudafoɔ mpanin no mu pii gye Yesu di, nanso na wɔsuro , Farisifoɔ no hunu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. 43 Na wɔpɛ nnipa bɛkamfo wɔn sene Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn animuonyam.

44 Yesu teaam , "Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di. 45 Na deɛ ɔhunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso. 46 Maba ewiase hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu.

47 "Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri , mamma merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ merebɛgye wɔn nkwa. 48 Obiara a ɔpo me na ɔnnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufoɔ bi a ɔbɛbu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na Atemmuo da no ɛbɛbu mo atɛn. 49 Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ deɛ Agya no ka kyerɛɛ me menka nkyerɛ mo no. 50 Menim asɛm biara a Agya no ahyɛ me menka no de nnipa nkwa a ɛnni awieeɛ mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me menka biara no, ɛno na meka!"

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-