Publicidade

João 14

Yesu Ne Ɛkwan No

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni. 2 Tenaberɛ bebree mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. 3 Na mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. 4 Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba bi."

5 Toma bisaa no , "Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba bi?"

6 Yesu buaa , "Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no , gye ɔfa me so." 7 Yesu kaa bio , "Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa ɛberɛ yi monim no, ɛfiri , moahunu no!"

8 Filipo bisaa no , "Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, ɛfiri , deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no."

9 Yesu buaa no , "Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn enti na woka , Kyerɛ yɛn Agyano? 10 Filipo wonnye nni mewɔ Agya no mu na Agya no nso me mu? Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so nʼadwuma. 11 Monnye me nni mewɔ Agya no mu na Agya no nso me mu. monnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no enti, monnye nni. 12 Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri , merekɔ mʼAgya no nkyɛn. 13 Na biribiara a mobɛbisa me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14 Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo."

Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ

15 "modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so. 16 Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. 17 Ewiase rentumi nnye no, ɛfiri , wɔnhunu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri , ɔne mo na ɛte. 18 Merennya mo nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio. 19 Ɛrenkyɛre biara nnipa renhunu me bio, nanso mo deɛ, mobɛhunu me; na ɛsiane mete ase no enti, mo nso mobɛtena ase. 20 Na da a mɛsɔre afiri awufoɔ mu no duru a, mobɛhunu mewɔ mʼAgya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛdeɛ me nso mewɔ mo mu no. 21 Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no."

22 Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa , "Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?"

23 Yesu buaa no , "Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24 Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.

25 "Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo. 26 Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no. 27 Asomdwoeɛ na mede regya mo; mʼasomdwoeɛ na mede regya mo. Ɛnyɛ ewiase asomdwoeɛ na mede regya mo. Mommma mo akoma nntu; na monnsuro nso.

28 "Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo , Merekɔ, nanso mɛsane aba mo nkyɛn biono. modɔ me ampa ara a, anka mo ani bɛgye, ɛfiri , afei deɛ, mɛtumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sene me no nkyɛn. 29 Maka yeinom akyerɛ mo sɛdeɛ ɛba mu a mobɛgye me adi. 30 Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri , ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi. 31 Na ɛsɛ nnipa hunu medɔ Agya no, ɛno enti na asɛm biara a ɔbɛka no, meyɛ no.

"Monsɔre ma yɛnkɔ."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-