Publicidade

Mateus 21

Yesu Yerusalem

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu , wɔnni ɛkan nkɔ. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "moduru a, mobɛhunu wɔasa afunumu bi ne ne ba ahoma. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 obi bisa mo ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no , Wɔn ho hia Awurade,na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba."

4 Wɔyɛɛ yei hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka ,

5 "Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion

wo ɔhene reba wo nkyɛn.

Ɔdwo, na ɔte afunumu ne,

afunumu ba so," no mu den.

6 Asuafoɔ baanu no yɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. 7 Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ afunumu no so, maa Yesu tenaa ne so. 8 Nnipadɔm a wɔwɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. 9 Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam ,

"Hosiana Dawid Ba!"

"Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no."

"Hosiana ɔsoro nohoa!"

10 Ɛberɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfoɔ no bisaa , "Na hwan ni?"

11 Nnipadɔm no buaa , "Ɛyɛ Yesu, Odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no."

Yesu Asɔrefie

12 Yesu firii no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma mu no nyinaa guiɛ. 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Atwerɛsɛm no ka , Mʼasɔrefie beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ.Nanso, mo deɛ, mode ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ."

14 Afei anifirafoɔ ne mmubuafoɔ baa ne nkyɛn asɔrefie ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 15 Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie reteateam , "Nhyira nka Dawid Ba no" no, anyɛ wɔn .

16 Enti, wɔbisaa Yesu , "Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?"

Yesu buaa , "Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka ,

" Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo

de wɔn ano kamfo wono da anaa?"

17 Afei, ɔfirii sane kɔɔ Betania kɔdaa .

Yesu Dome Borɔdɔma Dua Bi

18 Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no. 19 Ɔhunuu borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ kɔhwɛɛ borɔdɔma no bi so, nanso ɔduruu no, ɔhunuu nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no , "Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!" Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ.

20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nwanwa ma wɔbisaa no , "Na ɛyɛɛ ɛdeɛn enti na borɔdɔma dua no so nhahan poroo ntɛm saa?"

21 Yesu nso buaa wɔn , "Nokorɛm, mowɔ gyidie a ɛnhinhim a, mobɛtumi ayɛ ade korɔ yi ara bi, anaa deɛ ɛkyɛn saa mpo. Anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi , Tutu kɔgu ɛpo mu, na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. 22 Biribiara a mode gyidie bɛbisa mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka."

Yesu Tumi Ho Asɛmmisa

23 Yesu sane kɔɔ asɔrefie a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie no.

24 Yesu kaa , "Merebɛbisa mo asɛm baako bi, na mommua me ansa. 25 Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni anaa ɛnyɛ ɔno?"

Wɔdwennwenee ho kaa , "yɛka Ɛfiri Onyankopɔna, wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no annie? 26 Na yɛka , Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa nonso a, ɛdɔm no bɛha yɛn ɛfiri , wɔn nyinaa nim Yohane odiyifoɔ."

27 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne , "Yɛnnim!"

Ɛhɔ ara na Yesu nso kaa , "monnim deɛ a, me nso meremmua mo."

Mmammarima Baanu Ho Ɛbɛ

28 Yesu kaa , "Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no , Me ba, ɛnnɛ mʼafuom na kɔyɛ adwuma .

29 "Ne ba no kaa , Merenkɔ,nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ.

30 "Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no , Wo nso .Ɔno nso kaa , Agya, mate, mɛkɔ.Nanso wankɔ.

31 "Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?"

Wɔbuaa , "Ne ba panin no a."

Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase , "Akyinnyeɛ biara nni ho abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ. 32 Ɛfiri , Yohane baa mo nkyɛn ɔrebɛkyerɛ mo tenenee kwan, na moannye no anni. Nanso ɔtogyefoɔ ne nnwamanfoɔ gyee no diiɛ. Na mohunuu yei mpo no, moansakyera mo adwene, na moannye no anni."

Apaafoɔ Ho Ɛbɛ

33 Yesu buu wɔn foforɔ bi , "Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobefuo a wagye ban afa ho, na watu amena a wɔkyi nsã mu, de afuo no gyaa akuafoɔ bi. Yei akyi no, ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. 34 Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ wɔteɛ no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafoɔ no wɔmmɛgye ne kyɛfa mmrɛ no.

35 "Wɔduruu ara na akuafoɔ no to hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako ɛnna wɔsii ɔbaako nso aboɔ. 36 Afei, ɔsane somaa nnipa a wɔn dodoɔ sene wɔn a ɔsomaa wɔn kane no wɔnkɔ akuafoɔ no nkyɛn, nanso asɛm korɔ no ara bi na ɛsiiɛ. 37 Yei akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafoɔ no nkyɛn susuu , wɔde anidie bɛma no.

38 "Nanso, akuafoɔ no hunuu ne ba no afiti reba , wɔfaa ne ho adwene kaa , Ɔdedifoɔ no na ɔreba no; momma yɛnkum no, na yɛmfa afuo no! 39 Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi.

40 "afuowura no sane ba a, mogye di ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?"

41 Yudafoɔ mpanin no buaa , "Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu."

42 Yesu bisaa wɔn bio , "Monkanee Twerɛsɛm no mu da ,

" Ɛboɔ a adansifoɔ apo no

ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ.

Awurade na wayɛ yei,

na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?

43 "Deɛ mereka ara ne , wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no. 44 Wɔn a wɔbɛhwe saa botan yi so no mu bɛbubu, na deɛ nokorɛ no bɛhwe ne so no nso bɛpɛkyɛ."

45 Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no tee aseɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, 46 wɔpɛɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wɔsuro ɛdɔm no ɛfiri , na wɔagye Yesu atom ɔyɛ Odiyifoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-