15 Memmisa wo sɛ yi wɔn firi ewiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban firi ɔbonsam nsam. 16 Sɛdeɛ memfiri ewiase no, saa ara nso na wɔmfiri ewiase. 17 Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛnte wɔn ho, na ɛnyɛ wɔn kronkron. 18 Sɛdeɛ wosomaa me baa ewiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ ewiase.