25 Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, "Ɔbaa, wo ba nie." 27 Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, "Wo maame nie." Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.