Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Nʼasuafoɔ
19 Saa ɛda no ara anwummerɛ a na ɛsiane Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, asuafoɔ no ato wɔn ho ɛpono mu no, Yesu baa ɛdan no mu hɔ kyeaa wɔn sɛ, "Asomdwoeɛ nka mo." 20 Ɔkyeaa wɔn wieeɛ no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyee yie.
21 Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, "Asomdwoeɛ nka mo." Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo." 22 Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, "Honhom Kronkron no mmra mo so. 23 Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no."